1
Yesaia 26:3
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Deɛ n’adwene tim wo soɔ na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu, ɛfiri sɛ wo so na ɔde ne ho toɔ.
Compare
Explore Yesaia 26:3
2
Yesaia 26:4
Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa, ɛfiri sɛ AWURADE Nyankopɔn ne daa botan.
Explore Yesaia 26:4
3
Yesaia 26:9
Me kra ani gyina wo anadwo, aane, me mu honhom nso, mede mefe wo, na sɛ w’atemmuo ka asase a, wiasefoɔ sua tenenee.
Explore Yesaia 26:9
4
Yesaia 26:12
AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoeɛ ama yɛn, na yɛn nneyɛɛ nyinaa nso, woawie ama yɛn.
Explore Yesaia 26:12
5
Yesaia 26:8
Nso w’atemmuo kwan so na yɛhwɛ wo AWURADE kwan, yɛn kra ani gyina wo din ne wo nkaeɛ.
Explore Yesaia 26:8
6
Yesaia 26:7
Ɔteneneeni kwan yɛ tee, wo na wototo ɔteneneeni tempɔn.
Explore Yesaia 26:7
7
Yesaia 26:5
Na ɔde wɔn a wɔtete soro ahwe fam, kuro a ɛkorɔn no, wabrɛ no ase; wabrɛ no ase ama no aduru fam, wama no aka fam mfuturo
Explore Yesaia 26:5
8
Yesaia 26:2
Monhini apono no na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne mu.
Explore Yesaia 26:2