1
Yesaia 25:1
New Revised Asante Twi Bible
ASW
AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so na makamfo wo din sɛ woayɛ anwanwadeɛ; tete nteredee agyinatuo atim ayɛ nokorɛ.
Compare
Explore Yesaia 25:1
2
Yesaia 25:8
Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na AWURADE Nyankopɔn bɛpepa ani nyinaa so nisuo, na wayi ne man ahohora afiri asase nyinaa so akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.
Explore Yesaia 25:8
3
Yesaia 25:9
Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.
Explore Yesaia 25:9
4
Yesaia 25:7
Na bepɔ yi so na ɔbɛyi anim ntoma a ɛkataa aman nyinaa anim, ne akatasoɔ a ɛkataa amanaman nyinaa soɔ no.
Explore Yesaia 25:7
5
Yesaia 25:6
Na asafo AWURADE bɛto aman nyinaa pono wɔ bepɔ yi so: Sradeduane, nsa a akyɛ, sradeɛ ne ekyim, nsa a wɔasɔne soɔ.
Explore Yesaia 25:6