Na AWURADE buaa me sɛ:
Twerɛ adehunu no,
na kyerɛkyerɛ mu gu aboɔpono so,
na wɔatumi akan no wɔ ahoɔherɛ so.
Na adehunu no da so kyerɛ berɛ a wɔahyɛ,
na ɛrepɛ kwan aba mu, na ɛyɛ nokorɛ nso.
Sɛ ɛtwentwɛn ase mpo a, twɛn no ara,
na ba deɛ, ɛbɛba, ɛrenka akyi.