1
Habakuk 1:5
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Monhwɛ amanaman mu na monhunu na mo ho nnwiri mo dwiri pa ara, na mereyɛ adwuma bi, mo nna mu, wɔka kyerɛ mo a, morennye nni.
Compare
Explore Habakuk 1:5
2
Habakuk 1:2
O AWURADE, menteam nkɔsi da bɛn ara na wobɛtie me? Nhyɛsoɔ nti mesu mefrɛ wo, nanso wonnye me.
Explore Habakuk 1:2
3
Habakuk 1:3
Adɛn nti na woma mehunu abusudeɛ ne ɔhaw sɛɛ, na wonyɛ ho hwee yi? Ɔsɛeɛ ne nhyɛsoɔ da m’anim, na ɔhaw ba, na akasaakasa asɔre.
Explore Habakuk 1:3
4
Habakuk 1:4
Enti mmara mu ago, na atɛntenenee mfiri ara da, ɛfiri sɛ abɔnefoɔ twa ɔteneneeni ho hyia, enti atemmuo firi a, na akyea.
Explore Habakuk 1:4