1
Ɔsɛnkafoɔ 12:13
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.
Compare
Explore Ɔsɛnkafoɔ 12:13
2
Ɔsɛnkafoɔ 12:14
Na nneyɛɛ nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmuo mu, na deɛ ahunta nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu ho atɛn.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 12:14
3
Ɔsɛnkafoɔ 12:1-2
Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu; ansa na owia ne hann ne ɔsrane ne nsoromma aduru sum, na osuo nya tɔ a, asane amuna
Explore Ɔsɛnkafoɔ 12:1-2
4
Ɔsɛnkafoɔ 12:6-7
ansa na dwetɛ homa no ate, na sika toa no apae, na ahina no abɔ asuo ho, na asubura ho nkyimiiɛ abubu, na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 12:6-7
5
Ɔsɛnkafoɔ 12:8
Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ, Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 12:8