1
Ɔsɛnkafoɔ 11:9
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu.
Compare
Explore Ɔsɛnkafoɔ 11:9
2
Ɔsɛnkafoɔ 11:10
Na yi awerɛhoɔ firi w’akoma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmɔfraase ne mmeranteberɛ yɛ ahuhudeɛ.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 11:10
3
Ɔsɛnkafoɔ 11:4
Deɛ ɔhwɛ mframa no rengu aba, na deɛ ɔhwɛ mununkum no rentwa.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 11:4
4
Ɔsɛnkafoɔ 11:5
Sɛdeɛ wonnim mframa kwan ne sɛdeɛ nnompe nyini onyinsɛnfoɔ yam no, saa ara na wonnim Nyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛɛ.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 11:5
5
Ɔsɛnkafoɔ 11:6
Gu w’aba anɔpa, na anwummerɛ nso nyi wo nsa mfiri ho; na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, yei anaa yei, anaasɛ ne mmienu nyinaa bɛbom ayɛ yie.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 11:6
6
Ɔsɛnkafoɔ 11:2
Kyɛ mu ma nnipa baason anaasɛ baawɔtwe mpo, na wonnim bɔne ko a ɛbɛba asase soɔ.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 11:2