1
Mateo 15:18-19
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na deɛ ɛfiri anomu firi adie deɛ, ɛfiri onipa akoma mu, na ɛno na ɛgu onipa ho fi. Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm fire.
Compare
Explore Mateo 15:18-19
2
Mateo 15:11
Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ anomu na ɛgu onipa ho fi, na mmom deɛ ɛfiri anomu ba na ɛgu onipa ho fi.
Explore Mateo 15:11
3
Mateo 15:8-9
Ɔman yi de wɔn anofafa na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.
Explore Mateo 15:8-9
4
Mateo 15:28
Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O, ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ mma wo sɛdeɛ wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babaa no ho yɛɛ no den.
Explore Mateo 15:28
5
Mateo 15:25-27
Na ɔbaa no ba bɛkotoo no sɛ: Awurade, boa me! Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman mma. Na ɔse: Ɛwom, Awurade, nanso nkraman mma no nso di mporoporowa a ɛfiri wɔn wuranom pono so gu fam no bi.
Explore Mateo 15:25-27