1
Mateo 14:30-31
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na ɔhunuu mframa no, ɔsuroe; na ɔfirii aseɛ sɛ ɔremem no, ɔteaa mu sɛ: Awurade, gye me! Na ntɛm ara Yesu tenee ne nsa sɔɔ no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo a wo gyidie sua! Adɛn nti na wogyee akyinnyeɛ?
Compare
Explore Mateo 14:30-31
2
Mateo 14:30
Na ɔhunuu mframa no, ɔsuroe; na ɔfirii aseɛ sɛ ɔremem no, ɔteaa mu sɛ: Awurade, gye me!
Explore Mateo 14:30
3
Mateo 14:27
Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, monnsuro!
Explore Mateo 14:27
4
Mateo 14:28-29
Na Petro buaa no sɛ: Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka ma memmra wo nkyɛn nsuo no ani! Na ɔse: Bra! Na Petro firii kodoɔ no mu si faa nsuo no ani sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.
Explore Mateo 14:28-29
5
Mateo 14:33
Na wɔn a wɔwɔ kodoɔ no mu no ba bɛkotoo no sɛ: Nyankopɔn ba ne wo ampa!
Explore Mateo 14:33
6
Mateo 14:16-17
Na Yesu see wɔn sɛ: Ɛnhia sɛ wɔkorɔ, mo ara momma wɔn biribi nni! Na wɔsee no sɛ: Yɛnni biribiara wɔ ha, gye paanoo nnum ne mpataa mmienu.
Explore Mateo 14:16-17
7
Mateo 14:18-19
Ɛnna ɔse: Momfa mmrɛ me ha! Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena ɛserɛ no so, na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na ɔbubuu mu de paanoo no maa n’asuafoɔ, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.
Explore Mateo 14:18-19
8
Mateo 14:20
Na wɔn nyinaa didi meeɛ, na mporoporowa a ɛkaeɛ no yɛɛ nkɛntɛn dummienu mama.
Explore Mateo 14:20