Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo rekɔ asase pa so, asase a ɛso wɔ nsubɔntene, nsuo aniwa ne atareɛ a ɛfifiri mmonhwa ne mmepɔ mu sene, asase a ayuo ne atokoɔ ne bobe ne borɔdɔma ne atoaa wɔ soɔ, asase a ɛso wɔ ngodua ne ɛwoɔ, asase a worenni so aduane na, na biribiara renhia wo wɔ soɔ, asase a n’aboɔ yɛ dadeɛ, na wɔbɛtu kɔbere afiri ne mmepɔ mu.