1
Deuteronomium 7:9
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Enti hunu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn, — Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara nsɛm so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem soɔ
Compare
Explore Deuteronomium 7:9
2
Deuteronomium 7:6
Na mo yɛ ɔman kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn; mo na AWURADE mo Nyankopɔn ayi mo sɛ mommɛyɛ ɔman a wafa ayɛ ne dea wɔ aman a ɛwɔ asase so nyinaa mu.
Explore Deuteronomium 7:6
3
Deuteronomium 7:8
Na ɛsiane sɛ AWURADE dɔ mo na ɔdi ne ntam a ɔkaa mo nananom no soɔ nti na ɔde nsa a ɛyɛ den yii mo, na ɔgyee mo firii nkoafie firii Misraimhene Farao nsam.
Explore Deuteronomium 7:8
4
Deuteronomium 7:7
Ɛnyɛ mo dodoɔ a ɛsene aman nyinaa nti na AWURADE de ne ho abɔ mo ho na wayi mo, ɛfiri sɛ mo na mosua aman nyinaa mu.
Explore Deuteronomium 7:7
5
Deuteronomium 7:14
Wɔbɛhyira wo asene aman nyinaa; ɔbarima anaa ɔbaa, anaa w’afieboa renyɛ obonini wɔ wo mu.
Explore Deuteronomium 7:14