1
1 Berɛsosɛm 29:11
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Wo AWURADE na kɛseyɛ, mmaninyɛ, animuonyam, nkonimdie ne aseda wɔ woɔ, na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase soɔ nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahennie wɔ woɔ, na wo na wokorɔn wɔ adeɛ nyinaa soɔ.
Compare
Explore 1 Berɛsosɛm 29:11
2
1 Berɛsosɛm 29:12
Na ahonya ne animuonyam firi w’anim, na wo na wodi adeɛ nyinaa soɔ, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam.
Explore 1 Berɛsosɛm 29:12
3
1 Berɛsosɛm 29:14
Na hwan ne me, na hwan ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yɛbɛyi yɛn yam ama adeɛ seyie? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fire, na wo nsam na yɛnyaa no, na yɛde ama woɔ yi.
Explore 1 Berɛsosɛm 29:14
4
1 Berɛsosɛm 29:13
Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn deɛ, yɛda wo ase, na yɛyi w’animuonyam din no ayɛ.
Explore 1 Berɛsosɛm 29:13
5
1 Berɛsosɛm 29:10
Na Dawid hyiraa AWURADE, badwa no nyinaa anim, na Dawid kaa sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, firi daa kɔsi daa.
Explore 1 Berɛsosɛm 29:10