Chapa ya Youversion
Ikoni ya Utafutaji

Romafo NHYƐNMU

NHYƐNMU
Paulo nhoma yi a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no, na ɔde resiesie kwan ama ne nsrahwɛ a wahyehyɛ sɛ ɔbɛkɔ wɔ Roma no. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ adwuma kakra wɔ Roma, na wɔaboa no ama watumi akɔ Spania. Ɔkyerɛwee de kyerɛɛ ne ntease a ɔwɔ wɔ Kristosom gyidi ho, ne sɛnea ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ Akristofo abrabɔ mu. Nhoma no kura Paulo nsɛm a esi pi pa ara no.
Ɔkyiaa nnipa a ɛwɔ Roma Asafo mu wiei pɛ, na ɔmaa wɔhunuu ne mpaebɔ a ɔbɔ ma wɔn. Paulo ka ne botae a ɔde kyerɛw Nhoma no: “Efisɛ emu na wɔyi Nyankopɔn tenenee adi fi gyidi mu kɔ gyidi mu, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔtene fi gyidi mu bɛnya nkwa” (1.17).
Eyi akyi no, Paulo fii ase sansan ne botae no mu. Nnipa nyinaa, Yudafo ne amanaman mufo hia sɛ wɔbɛgyina Onyankopɔn anim sɛnea ɛfata, efisɛ wɔn nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Nnipa nam Yesu Kristo mu gyidi so bɛtumi asiesie wɔn ne Onyankopɔn ntam. Nea ɛtoa so no, Paulo kyerɛkyerɛ nkwa foforo a ɛnam Kristo mu ayɔnkofa a ɛka wɔn ne Onyankopɔn bɔ mu no mu. Onyankopɔn Honhom ma ogyidini tumi de ne ho fi bɔne ne owu tumi ase ma ɔne Onyankopɔn ntam bɛyɛ asomdwoe. Efi ti 5-8 no, Paulo kyerɛkyerɛ botae a Onyankopɔn mmara kura ne Onyankopɔn Honhom mu tumi a ɛwɔ ogyidini asetena mu. Ɔsomafo no de tentam asɛmmisa a ɛkyerɛ sɛnea Yudafo ne amanaman mufo ba Onyankopɔn nhyehyɛe a ɔwɔ ma adasa nyinaa no mu. Owiei sɛ Yudafo a wɔapo Yesu no, ka Onyankopɔn nhyehyɛe a ɔnam so rema nnipa nyinaa aba Onyankopɔn adom a ɛwɔ Yesu Kristo mu no ho. Ogye di nso sɛ Yudafo no renkɔ so ara mpo Yesu daa. Awiei koraa no, Paulo kyerɛwee sɛnea ɛsɛ sɛ wɔtena ase, ne titiriw ne sɛ wɔbɛma ɔdɔ ayɛ adwuma wɔ wɔn ne afoforo ntam. Ɔfaa botae bi te sɛ ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn, Akristofo asɛde wɔ aban mu ne nnipa afoforo ho ne nsɛmmisa a ɛwɔ tiboa ho. Ɔde ne nkyea nsɛm ne nsɛm a ɔde yi Onyankopɔn ayɛ na ewiei.
EMU NSƐM
Nhyɛnmu ne nnyinaso nsɛm 1.1-17
Hia a onipa hia nkwagye 1.18—3.20
Onyankopɔn nkwagye kwan 3.21—4.25
Kristo mu abrabɔ foforo no 5.1—8.39
Israel wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu 9.1—11.36
Okristoni abrabɔ 12.1—15.13
Awiei ne n’ankasa nkyia 15.14—16.27

Iliyochaguliwa sasa

Romafo NHYƐNMU: RATB

Kuonyesha

Shirikisha

Nakili

None

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia