Chapa ya Youversion
Ikoni ya Utafutaji

Asomafo 28

28
Paulo wɔ Malta supɔw so
1Na yefii mu fii no, ɛno na yɛtee sɛ wɔfrɛ supɔw no Malta. 2#2 Ko 11.27 Na ɛhɔfo pɔtɔfo no yɛɛ yɛn adɔe pii a ɛmma ɔka; na osu a ɛretɔ ne awɔw no nti, wɔsɔɔ ogya gyee yɛn nyinaa. 3Na Paulo boaboaa mmobaa ano de guu gya no so no, ɔhyew no nti, ahurutoa bi fii mu bɛkyekyeree ne nsa ho. 4Na nnipa a wɔwɔ hɔ no huu aboa no sɛ ɔsɛn ne nsa ho no, wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ owudifo a wanya nkwa afi po mu de, nanso aweredi nti, ɛmma onnya nkwa. 5#Mar 16.18 Na ɔpetee aboa no too gya mu, nso hwee anyɛ no. 6#Aso 14.11 Na wɔn de, anka wɔn ani wɔ so sɛ ɔrebɛhonhon anaasɛ ɔrebɛhwe ase awu mpofirim; nanso wɔhwɛe hwɛe na wohui sɛ biribi anyɛ no no, wɔsakraa wɔn adwene kae sɛ gyama ɔyɛ onyame bi.
7Nso ɛhɔnom ara na supɔw no so otitiriw a ne din de Publio no asase wɔ; na ogyee yɛn yɛɛ yɛn hɔho nnansa hwɛɛ yɛn yiye. 8Na ɛbae sɛ Publio n’agya da hɔ yare atiridii ne ayamhwie; enti Paulo kɔɔ no nkyɛn, na ɔbɔɔ mpae de ne nsa guu no so saa no yare. 9Eyi akyi no, wɔn a aka nso a wɔyare supɔw no so no bae ma wɔsaa wɔn yare. 10Wodii yɛn ni pii, na yefi hɔ rekɔ no, wɔde nneɛma a ehia yɛn no brɛɛ yɛn.
Paulo kɔduu Roma
11Na asram abiɛsa akyi no, yesii Aleksandria hyɛn bi a abedi awɔw bere supɔw no so a n’agyirae ne Ata-ne-ata no mu kɔe. 12Na yekogyinaa Sirakuse no, yedii hɔ nnansa. 13Ɛhɔ na yefi de kɔntɔn koduu Regio, na dafua akyi no, anafo mframa bɔe, na n’adekyee no, yekoduu Puteoli. 14Ɛhɔ na yehuu anuanom bi, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnansɔn; na yefii hɔ koduu Roma. 15Ɛhɔ na anuanom a wɔtee yɛn nka no fi behyiaa yɛn Apius gua so ne akuraa bi a ɛde Nsadan-mmiɛnsa, na Paulo huu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na ɔmaa ne bo tɔɔ ne yam. 16#Aso 27.3 Na yeduu Roma no, wɔmaa Paulo kwan sɛ ɔne ɔsraani a ɔhwɛ no no nkɔtena nea ɔpɛ.
Paulo ne Yudafo mpanyimfo nkɔmmɔbɔ
17 # Aso 23.1 Na ɛbae sɛ nnansa akyi no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafo atitiriw no hyiae; na wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, menyɛɛ biribi mintiaa ɔman anaa yɛn agyanom amanne de, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafo nsa. 18Na wɔn nso, wɔhwehwɛɛ asɛm no mu no, wɔpɛe sɛ anka wogyaa me, efisɛ menyɛɛ akunne biara. 19#Aso 25.11 Nanso Yudafo kasa tiae nti, na etwa sɛ mede m'asɛm kɔdan Kaesare, ɛnyɛ sɛ me ne me man wɔ nkurobɔ bi. 20#Aso 26.6-7 Afei eyi nti na mefrɛɛ mo, sɛ mehu mo na makasa makyerɛ mo; efisɛ Israel anidaso nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me yi.
21Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn de, yennyaa wo ho nhoma bi mfii Yudea ɛ, nanso anuanom no mu biara mmae mmɛbɔɔ kaseɛ anaasɛ ɔmmɛkaa wo ho asɛmmɔne bi ɛ. 22#Aso 24.14; Luka 2.34 Na yɛpɛ sɛ yetie nea wo ara wudwen, na Fekuw yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.
Paulo ka asɛm wɔ Roma
23Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn nea ɔte hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn ase dii Nyankopɔn ahenni ho adanse, na ɔde Mose mmara ne adiyifo no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no mu fi anɔpa kosii anadwofa. 24Na ebinom gyee nea ɔkae no dii, na ebinom nso annye anni. 25#Yes 6.9-10 Na wɔn ano ankɔ bɛnkoro mu nti, wɔkɔe, bere a Paulo kaa asɛm biako sɛ: Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom 26sɛ:
Kɔ ɔman yi nkyɛn na kɔka sɛ:
Ɔte de, mobɛte, na morente ase,
na ohu nso, mubehu, na morenhu mu.
27Na ɔman yi koma apirim,
na wɔmfa wɔn aso nte asɛm yiye,
na wɔamuamua wɔn ani; na wɔamfa wɔn ani anhu ade,
na wɔamfa wɔn aso ante asɛm,
na wɔamfa wɔn koma ante ase,
na wɔannan amma me nkyɛn na mansa wɔn yare.
28 # Aso 13.46 Enti munhu sɛ wɔama wɔde Onyankopɔn nkwagye no akɔma amanaman mufo no; na wɔbɛte. 29[Na ɔkaa nsɛm yi no, Yudafo no kɔe, na wogyigyee akyinnye pii wɔn mu].#28.29 Tete akyerɛw foforo a wɔgye to mu binom mfa nkyekyɛmu 29 nka ho. 30Na mfe abien kusuu na ɔde tenaa n’ankasa fi a otua ka no mu, na ogyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa 31#Aso 28.23 kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nneɛma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obi ansiw no kwan.

Iliyochaguliwa sasa

Asomafo 28: RATB

Kuonyesha

Shirikisha

Nakili

None

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia