Eyi nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwu akɔnnɔ; na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛmfa ne kwan so; saa ara nso na mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam nkitahodi yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn mfɛfo mmarima ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa wɔn ankasa mu.
Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata