Romafoɔ 3
3
1Afei, mmɛ ne Yudani wɔ boro so? Anaa mmɛ mfasoɔ ne ya twetiatwa so? 2#Rom 9:4; Deut 4:7-8; Dwom 147:19-20 Ɔdɔɔso kwane hodoɔ bebree so, efiri sɛ nea odi kane he, Yudafoɔ he ne bɛde Nyankopɔn nsɛm hyɛɛ bɛ nsa. 3#Rom 9:6; 11:29; 2 Ti 2:13 Na sɛ bɛ mu binom annye anni ɛ? Nti bɛgye a bɛannye anni he bɛsesa Nyankopɔn nɔkorɛdie he anaa? 4#Dwom 116:11; 51:4 Daabi da! Ewom sɛ nnipa biaa nni nɔkorɛ, ma Nyankopɔn nyɛ nɔkwafoɔ, sɛnea bɛatwerɛ sɛ:
“Sɛnea wobedi bem wo nsɛm mu.
Na woadi nkunim w’atemmuo mu.”
5Nti sɛ tene a yɛntene da Nyankopɔn tenenee adi a, mmɛ ne yɛbɛka? Nti Nyankopɔn ntene sɛ obehwie n’abufuo agu yɛ so? (Meka no nipa fam.) 6Daabi da! Saa deɛ a mmɛ kwane ne Nyankopɔn bɛfa so abu wiase atɛne? 7Nso sɛ tene a mentene ma Nyankopɔn nɔkorɛdie bu so ma n’animuonyam da adi a, mmɛ nti ne bɛda so bu me sɛ debɔneyɛni? 8#Rom 6:1-2 Na ɛɛne nti ne yɛnka sɛ (sɛnea binom ka to yɛ so sɛ, yɛ dɛ), “Homma yɛnyɔ nnebɔne na nnepa aba?” Bɛ afobuo fata bɛ!
Nipa biaa ntene Nyankopɔn anim
9 #
Rom 1:18—2:24
Hedeɛ asɛm he ne sɛ? Nti yɛ Yudafoɔ he kyɛne bɛ a bɛaka he anaa? Daabi, ɔnte saa koraa; efiri sɛ yɛadi kane aka sɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, biaa hyɛ bɔne tumi ase, 10#Dwom 14:1-3; 53:1-3 sɛnea bɛatwerɛ sɛ:
“Biaa nni hɔ a ɔtene, baako mpo nni hɔ;
11Biaa nni nteaseɛ, biaa nni hɔ a ɔhwehwɛ Nyankopɔn.
12Biaa amane afiri kwanpa he so, bɛ nyinaa mfasoɔ nni bɛ so;
biaa nni hɔ a ɔda ayamyɛ adi,
biaa nni hɔ, baako mpo nni hɔ.”
13 #
Dwom 5:9; 140:3 “Bɛ mene mu yɛ awufoɔ adakamena a ano abie;
bɛde bɛ kɛtrɛma di torɔ.”
“Nankatia borɔ ya bɛ ano.”
14 #
Dwom 10:7
“Duabɔ ne adenwono ahyɛ bɛ anum ma.”
15 #
Yes 59:7-8
“Bɛ nane ɔhare mogyahwieguo ho;
16sɛeɛ ne awerɛhoɔ ya bɛ kwane so,
17na asomdwie kwane deɛ, bennim.”
18 #
Dwom 36:1
“Nyamesuro nni bɛ ani so.”
19 #
Rom 2:12
Afei yenim sɛ, nea mmara he ka biaa, ɔkasa kyerɛ bɛ a bɛya mmara he ase, sɛnea ɔbɛyɛ a ano biaa bɛka atom, na wiase nyinaa abu nkonta akyerɛ Nyankopɔn, 20#Dwom 143:2; Gal 2:16; Rom 7:7 efiri sɛ nipa biaa nni hɔ a obedi bem Nyankopɔn anim, sɛnea mmara he nnwuma teɛ, efiri sɛ yɛnam mmara he so ne yenya bɔne ho nimdeɛ.
Tenenee a ɔnam gyidie so ba
21 #
Aso 10:43
Na afei, bɛakwati mmara he ayi Nyankopɔn tenenee adi, na mmara he ne adiyifoɔ he di ho adanseɛ, 22Nyankopɔn tenenee a ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so ma bɛ a bɛgye di nyinaa. Na nyiyimu nnim, 23#Rom 3:9; 3:19; 5:2 efiri sɛ nnipa nyinaa ayɔ bɔne na yɛtɔ sini Nyankopɔn animuonyam ho; 24#Rom 5:1; Efe 2:8 na afei ɔyɛ akyɛdeɛ kwa sɛ Nyankopɔn nam n’adom ne gyeɛ a ɔya Kristo Yesu mu he so abu nnipa bem. 25#Lew 16:12-15; Heb 4:16 Kristo ne Nyankopɔn de no asi hɔ sɛ ne mogyaa he nyɛ mpatadeɛ a nipa nam gyidie so ne nya mu kyɛfa; na Nyankopɔn de ayi ne tenenee adi sɛ nnebɔne a bɛyɔɔ no kane he, ɔnam ne boasetɔ so abu n’ani agu so; 26sɛnea ɔbɛyɔ a ɔbɛda n’ankasa ne tenenee adi saa berɛ yi mu, na berɛ a obu nipa a ɔwɔ Yesu mu gyidie bem he, ada adi sɛ ɔyɛ teneneeni mapa.
27 #
1 Ko 1:29; 1:31 Afei mmɛ ne ahohoahoa yi? Wɔayi afiri hɔ. Mmɛ nhyehyɛeɛ so na ɔnam? Mmara nnwuma so? Daabi, na mmom ɔnam gyidie nhyehyɛeɛ so. 28#Gal 2:16 Na yesi no pi sɛ ɔnam gyidie so ne bebu bi bem, na mmom omfiri mmara nnwuma mu. 29#Rom 10:12 Anaa Nyankopɔn yɛ Yudafoɔ nkoaa bɛ Nyankopɔn? Ɔnnyɛ Amanamane mufoɔ nso Nyankopɔn anaa? Ampa, ɔyɛ Amanamane mufoɔ nso Nyankopɔn, 30#Rom 4:11-12 efiri sɛ, Nyankopɔn yɛ baako; na ɔnam gyidie korɔ he a so ne bebu twetiatwafoɔ ne bɛ a bentwaa bɛ twetia bem. 31#Rom 3:21; 4:3; 8:4; Mat 5:17 Ɔsɛ sɛ yɛde saa gyidie he tu mmara he gu anaa? Daabi da! Na mmom, yɛma mmara he ase tim.
Currently Selected:
Romafoɔ 3: BBTP
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

: