Asomafoɔ 28
28
Paulo ya Malta supɔ so
1Berɛ a yekoduruu dwodwo he, yehuu sɛ bɛfrɛ supɔ he Malta. 2#2 Ko 11:27 Na nnipa a bɛya hɔ he yɛ pɔtɔfoɔ; na bɛdaa ayamyɛ sononko adi kyerɛɛ yɛ. Na nsuo a na ɔɔtɔ ne awɔ a na ɔyam nti, bɛsɔɔ gya maa yɛ de gyee yɛ nyinaa fɛ so. 3Nso berɛ a Paulo boaboaa mmabaa bi ano a na ɔde oogu gya he mu he, ɔnam hyeɛ a na ofiri gya he mu ɔɔba nti, wɔ bi firii mmabaa he mu bɛto momanee ne nsa ho. 4Berɛ a pɔtɔfoɔ he ani bɔɔ wɔ he so sɛ ɔsɛne ne nsa ho he, bɛka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Akyinnye biaa nni hɔ sɛ nipa yi yɛ wudifoɔ, na ɔyam sɛ waafiri po he mu afiri dwoodwoo deɛ, nso aweretɔ nti, ɔmma sɛ obenya ne ti adidi mu.” 5#Mar 16:18 Nso Paulo petee wɔ he too gya he mu a hwee anyɔ no. 6#Aso 14:11 Na bɛ deɛ, na bɛhwɛ kwane sɛ ɔɔbɛhonhono anaa oobetwa ahwe awu amonom hɔaa. Berɛ a bɛtwɛne berɛ tentene a bɛanhu sɛ bɔne bi ato no he, bɛsesaa bɛ adwene firii aseɛ kaa sɛ ɔyɛ nyame.
7Afei na supɔ he so kunyini a bɛfrɛ no Publio he wɔ nsaase ya mpɔtamu hɔ. Na ɔgyee yɛ fɛ so de nnansa som yɛ hɔhoɔ fɛ so. 8Nso ɔbaa sɛ na Publio papa da hɔ a abunu ne konkoriwa akye no, na Paulo kɔɔ ne nkyɛne kɔbɔɔ mpaeɛ de ne nsa guu ne so saa no yadeɛ. 9Yei akyi he, supɔ he so nnipa a aka a bɛwɔ nyarewa nso firii aseɛ baa ne nkyɛne maa ɔsaa bɛ yadeɛ. 10Na bɛ nso bɛde akyɛdeɛ pii dii yɛ ni, na berɛ a yeefiri hɔ akɔ he, bɛmaa yɛ nnoɔma pii a ho behia yɛ.
Paulo koduruu Roma
11Abosome mmeɛnsa akyi he, yɛforoo hyɛne bi a ofiri Aleksandria a obedii awɔberɛ supɔ he so a n’agyinahyɛdeɛ ne “Po so Abosom Ntaafoɔ”. 12Na yekogyinaa Sirakuse dii hɔ nnansa, 13hɔ ne yefiri kontono koduruu Regio. Na da a odi hɔ he, anaafoɔ mframa bi bɔeɛ, na ne nnanu so he yekoduruu Puteoli. 14Yehuu agyidifoɔ bi ya hɔ, na bɛsrɛɛ yɛ sɛ yɛntena bɛ nkyɛne nnanson. Na afei yɛkɔɔ Roma. 15Na agyidifoɔ tee yɛ nka he, befirii hɔ behyiaa yɛ Apia Dwa so ne bea bi a bɛfrɛ hɔ Nsadane-Mmeɛnsa, na Paulo ani bɔɔ bɛ so pɛ na ɔdaa Nyankopɔn ase na otwaa n’akoma too ne yam. 16#Aso 27:3 Afei berɛ a yɛkɔɔ Roma he, bɛmaa Paulo kwane maa ɔno nkoaa kɔtenaeɛ, na na sraani a ɔwɛne no ka ne ho.
Paulo ne Yudafoɔ mpanimfoɔ nkɔmmɔbɔ
17 #
Aso 23:1
Nso, nnansa akyi he, ɔfrɛfrɛɛ Yudafoɔ he mu atitire he ma bebehyiaeɛ. Berɛ a behyiaeɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anuanom, ɔyam sɛ menyɔɔ bibiaa a otia manfoɔ anaa yɛ nananom amanneɛ deɛ, nso bɛde me hyɛɛ Romafoɔ nsa sɛ deduani ya Yerusalem. 18Na berɛ a bɛhwehwɛɛ asɛm he mu wieeɛ he, na bɛpɛ sɛ begyaa me efiri sɛ na menyɛɛ hwee a ɔsɛ wuo. 19#Aso 25:11 Na pene a Yudafoɔ he ampene so he nti, mede asɛm he kɔdane Kaesare, na ɔnyɛ sɛ ebia mewɔ bibi a mede ɔɔbɔ me mane soboɔ. 20#Aso 26:6-7 Nɔkwasɛm ne sɛ, asɛm yi ho nti ne mesrɛɛ sɛ mepɛ sɛ mehu ho ne ho kasa, efiri sɛ Israel anidasoɔ nti ne bɛagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn yi.” 21Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yennyaa wo ho krataa biaa mfirii Yudea, na anuanom a bɛaba he mu biaa mmɛbɔɔ amanneɛ, na bɛmmɛkaa wo ho nsɛmmɔne biaa. 22#Aso 24:14; Luk 2:34 Nso yesusuu sɛ, ɔyɛ sɛ yebetie w’adwene, efiri sɛ, nɔkwasɛm di, yenim sɛ bɛkasa tia saa fekuo yi baabiaa.”
Paulo kaa asɛm ya Roma
23Bɛhyɛɛ da a bebehyia he wieeɛ he, nnipa pii baa baabi a na ɔda he. Na ɔkɔkyerɛɛ asɛm he mu kyerɛɛ bɛ dii Nyankopɔn ahennie he ho adanseɛ, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifoɔ he so kaa Yesu ho asɛm a ɔtɔ asom, firi anɔpa kosi anwummerɛ. 24Na binom gyee nea ɔkaeɛ he diiɛ, binom nso annye anni. 25#Yes 6:9-10 Na osiane sɛ na bɛ adwene nhyia nti, befirii aseɛ sɛ bɛɛkɔ, na Paulo de asɛm yi kaa ho sɛ, “Honhom Kronkron faa diyifoɔ Yesaia so kaa no yei kyerɛɛ ho nananom sɛ:
26‘Kɔ na kɔka kyerɛ mane yi sɛ:
Te deɛ, hobɛte nso honte aseɛ
na hwɛ deɛ hobɛhwɛ nso honhu,
27efiri sɛ mane yi akoma apirim,
na bɛde bɛ aso tie kwa,
na bɛakata bɛ ani,
na bɛamfa bɛ ani anhu, amfa bɛ aso antie,
na bɛamfa bɛ akoma
ante aseɛ na bɛansakra
amma mansa bɛ yadeɛ.’
28 #
Aso 13:46
Nti honhu sɛ bɛasoma nea Nyankopɔn nam so gye nkwa he kɔ Amanamane mu, na kwane biaa so, bebetie.” 29[Na ɔkaa yei nyinaa wieeɛ he, Yudafoɔ he firii hɔ kɔeɛ na bɛgyegyee akyinnye bɛ mu.]#28:29 Tete atwerɛeɛ he bi mfa yei nka ho.
30Ɔtenaa hɔ mfie mmienu a na ɔnoaa hwɛ ne ho. Na ɔgyee bɛ a bɛbaa ne nkyɛne nyinaa fɛ so, 31#Aso 28:23 na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm de nnamyɛ kɛseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ Awurade Yesu Kristo ho nsɛm a bibiaa ansi ho kwane.
Currently Selected:
Asomafoɔ 28: BBTP
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

: