Tito 3
3
Akristofo abrabɔ
1 #
1 Pe 2.13
Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow no, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara, 2#Flp 4.5 wonnni obiara ho nseku, wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo, wonya abodwokyɛre, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.
3 #
1 Ko 6.11; Efe 2.2; 5.8 Efisɛ yɛn nso, kan no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfo, nnipa a wɔtaa yɛ mfomso, som akɔnnɔ ne anigyede horow, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentan wɔn ho wɔn ho. 4#Tito 2.11 Na yɛn Agyenkwa Onyankopɔn adɔeyɛ ne ne dɔ yii ne ho adi no, 5#Efe 2.8-9; Yoh 3.5; Efe 5.26 emfi trenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborohunu nti, na ɛma ɔnam awo foforo aguare ne Honhom Kronkron foforoyɛ so gyee yɛn nkwa. 6#Yoel 2.28 Ɛno na ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo so hwie guu yɛn so pii, 7na wɔnam n'adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo. 8#Tito 3.14 Ɛyɛ nokwasɛm, na eyinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adi no adwen sɛnea wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Eyinom ne nea ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfaso ma nnipa.
9 #
1 Tim 4.7
Na nkwasea akyinnyegye ne anato ne kunsunkunsun ne mmara ho akasakasa de, twe wo ho fi ho; efisɛ enye mma hwee, na ɛyɛ hunu. 10#2 Yoh 10; Mat 18.15-16Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no! 11#1 Tim 6.4-5 Na hu sɛ, nea ɔte saa no, ne ti asɛe, na ɔyɛ bɔne bu n’ankasa ne ho fɔ wɔ mu.
Nkradi ne nhyira nsɛm
12 #
2 Tim 4.12
Sɛ mesoma Artema anaa Tikiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ merekodi awɔw bere. 13#Aso 18.24; 1 Ko 3.5-6 Bɔ mmɔden gya Mmaranimfo Sena ne Apolo kwan yiye, na anhia wɔn hwee. 14#Tito 2.14; Efe 4.28; Mat 7.19 Na ma yɛn nkurofo no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ehia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.
15Wɔn a wɔne me wɔ hɔ nyinaa kyiakyia wo. Kyiakyia wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidi mu. Adom nka mo nyinaa.
Currently Selected:
Tito 3: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: