Romafo 8
8
Honhom no mu nkwa
1 #
Rom 8.31-39; 8.4 Ɛnne afei afobu biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu. 2#Rom 3.27; 7.23-24 Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afi bɔne ne owu mmara no mu. 3#Aso 13.39; 15.10; Heb 2.17 Na nea mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛw nti, Onyankopɔn somaa n’ankasa ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ ɔhonam no mu, 4#Gal 5.16-25 sɛ mmara no asɛntrenee mmra mu wɔ yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnam honhom de mu no ho.
5Na wɔn a wɔnam ɔhonam fam no dwen ɔhonam de, na wɔn a wɔnam honhom de mu no dwen honhom de. 6#Rom 6.21 Na ɔhonam adwene yɛ owu, na honhom adwene no de, ɛyɛ nkwa ne asomdwoe. 7#Yak 4.4 Efisɛ ɔhonam adwene yɛ nitan a ɛtan Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Onyankopɔn mmara no ase, na mpo entumi; 8na wɔn a wɔwɔ ɔhonam mu no ntumi nsɔ Onyankopɔn ani.
9 #
1 Ko 3.16
Na mo de, munni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Onyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea. 10Na sɛ Kristo wɔ mo mu a, bɔne nti nipadua no awu de, nanso trenee nti honhom no wɔ nkwa. 11Na sɛ nea onyan Yesu fii awufo mu no Honhom te mo mu a, nea onyan Kristo fii awufo mu no bɛma mo nipadua a ewu yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so.
12 #
Rom 6.7; 6.18 Enti afei, anuanom, ɛnyɛ ɔhonam na yɛde no ka, na yɛatena ase honam fam. 13#Gal 6.8; Efe 4.22-24 Na sɛ mote ase honam fam a, mubewu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛe a, mobɛtena ase.
Yɛnam honhom so yɛ Nyankopɔn mma
14Na dodow a Onyankopɔn honhom di wɔn kan no, wɔn na wɔyɛ Onyankopɔn mma. 15#2 Tim 1.7; Gal 4.5-6 Na moannya akoayɛ honhom a mode besuro bio, na mmom moanya abagye honhom a ɛno mu na yɛteɛm sɛ: Abba, Agya! 16#2 Ko 1.22 Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.
17 #
Gal 4.7; Adi 21.7 Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnko adedifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi. 18#2 Ko 4.17 Na mibu sɛ sesɛɛ bere yi mu amane yi nnu anuonyam a wɔrebeyi adi de ama yɛn no. 19#Kol 3.4 Na abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi. 20#Ɔsɛ 1.2; Gye 3.17-19; 5.29 Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu, 21#2 Pe 3.13 sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.
22Na yenim sɛ abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi. 23#2 Ko 5.2 Na ɛnyɛ ɛno nko, na yɛn ankasa nso a yɛwɔ Honhom no aba a edi kan no, yɛn nso yesi apini retwɛn abagye a ɛne ogye a wobegye yɛn nipadua no. 24#2 Ko 5.7 Na anidaso mu na wogyee yɛn nkwa; na anidaso a wohu nyɛ anidaso; na nea obi hu no, ɛbɛyɛ dɛn na n’ani bɛda so? 25Na sɛ yɛn ani da nea yenhu so a, yɛde boasetɔ twɛn.
26Saa ara nso na Honhom no boa yɛn yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ sɛnea yɛbɛbɔ mpae a ɛsɛ no, yennim, nanso Honhom no ara de ɔpene a enni kabea di ma yɛn. 27Na nea ɔpɛɛpɛɛ koma mu no nim dekode a ɛyɛ Honhom no adwene, efisɛ odi ma ahotefo no sɛnea Onyankopɔn pɛ.
28 #
Efe 1.11; 3.11 Na yenim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no. 29#Kol 1.18; Heb 1.6 Na wɔn a ohuu wɔn siei no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan. 30Na wɔn a oyii wɔn too hɔ no, wafrɛ wɔn nso; na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso, na wɔn a obuu wɔn bem no, wahyɛ wɔn anuonyam nso.
Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu
31 #
Nnw 118.6
Na afei yebese eyinom ho dɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi? 32#Yoh 3.16 Nea wankame yɛn n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? 33Hena na ɔbɛtoto wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no ano? Onyankopɔn ne nea obu bem; 34#Rom 8.1; 1 Yoh 2.1 hena ne nea obu fɔ? Kristo Yesu ne nea owui na mpo wanyan, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso odi ma yɛn. 35Hena na ɔbɛtetew yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa nkrante? 36#2 Ko 4.11; Nnw 44.22 Sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
Wo nti wokum yɛn daa nyinaa;
wobu yɛn sɛ nguanten a wɔrebekum wɔn.
37Nanso eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. 38Na migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden 39anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu.
Currently Selected:
Romafo 8: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: