Romafo 1
1
Nkyia
1 #
Aso 9.15; 13.2; Gal 1.15 Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafo na wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn asɛmpa 2#Tito 1.2; Rom 16.25-26 a ɔnam n’adiyifo so hyɛɛ ho bɔ siee kyerɛw nsɛm kronkron mu, 3#2 Sa 7.12; Mat 22.42; Rom 9.5 wɔ ne ba a ɔhonam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho; 4#Aso 13.33 na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Onyankopɔn Ba, ahotew honhom fam, awufo sɔre mu; ɔne Yesu Kristo, yɛn Awurade 5#Aso 26.16-18; Rom 15.18; Gal 2.7; 2.9 a yɛnam no so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidi, ne din nti; 6na mo a wɔafrɛ mo sɛ mommɛyɛ Yesu Kristo de nso ka ho; 7#1 Ko 1.2; 2 Ko 1.1; Efe 1.1; Num 6.25-26 Me Paulo, mekyerɛw de kɔma Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.
Aseda mpaebɔ
8 #
Rom 16.19; 1 Te 1.8 Nea edi kan ne sɛ mo nyinaa nti, menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, efisɛ wɔka mo gyidi ho asɛm wiase nyinaa. 9#Flp 1.8; Efe 1.16 Na me dansefo ne Nyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ minnyae mo dinbɔ da, me mpaebɔ mu, 10#Aso 19.21; Rom 15.23; 15.31 na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi onnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn. 11#Aso 28.31 Efisɛ m’ani gyina sɛ mehu mo, na mede honhom adom akyɛde bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den, 12#2 Pe 1.1 ɛne sɛ ɛnam mo gyidi ne me gyidi so, yɛn nyinaa benya awerɛkyekye wɔ yɛn mu. 13Nso, anuanom, mempɛ sɛ mede besie mo sɛ mabɔ me tirim mpɛn pii sɛ mɛba mo nkyɛn, (nanso wɔasiw me kwan abesi sesɛɛ), na manya mo nso mu aba bi, sɛ amanaman a aka no. 14Mede Helafo ne Pɔtɔfo, anyansafo ne wɔn a wɔyɛ adweneharefo no ka; 15ne saa nti na mifi m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso.
Asɛmpa no mu tumi
16 #
Nnw 119.46; 1 Ko 1.18; 1.24; Aso 13.46 Na m’ani nwu asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu ma wɔn a wogye di nyinaa, Yudafo kan ne Helafo nso. 17#Rom 3.21-22; Hab 2.4 Efisɛ emu na woyi Nyankopɔn trenee adi fi gyidi mu kɔ gyidi mu, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔteɛ fi gyidi mu no benya nkwa.
Adasamma afobu
18Na wɔda Nyankopɔn abufuw adi fi soro de tia nnipa a wɔnsuro Nyankopɔn na wɔde nneyɛe a ɛnteɛ nam amumɔyɛ so si nokware no kwan. 19#Aso 14.15-17; 17.24-28 Efisɛ Onyankopɔn ho ade a wonim no da adi pefee wɔ wɔn mu, na Onyankopɔn na wayi akyerɛ wɔn. 20#Nnw 19.1; Heb 11.3 Na Nyankopɔn ho ade a wɔnhu, efi bere a wɔbɔɔ wiase no, ɔnam nneɛma a wɔayɛ no dedaw no so ada no adi pefee ama wɔde adwene hu mu, mekyerɛ ne daa tumi ne ne nyamesu; ɛno nti wɔnni anoyi biara; 21#Efe 4.18 efisɛ wonim Nyankopɔn de, nso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn koma a ntease nni mu no ma. 22#Yer 10.14; 1 Ko 1.20 Wose wɔyɛ anyansafo no, wɔdan nkwasea, 23#Deut 4.15-19 na wɔsakraa Onyankopɔn a ɔmporɔw no anuonyam yɛɛ onipa a ɔporɔw honi sɛso, ɛne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea de.
24 #
Aso 14.16
Enti Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa afide wɔn koma akɔnnɔ mu, sɛ wongu wɔn nipadua ho fi wɔ wɔn mu; 25efisɛ wɔsesaa Onyankopɔn nokware no gyee atoro, na wɔsɔre somm abɔde sen Ɔbɔadeɛ a wohyira no daa no. Amen. 26Eyi nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwu akɔnnɔ; na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛmfa ne kwan so; 27saa ara nso na mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam nkitahodi yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn mfɛfo mmarima ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa wɔn ankasa mu.
28Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata: 29Sɛ nnipa a ade a ɛnteɛ nyinaa, amumɔyɛ, anibere, nnebɔne ayɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, nsisi, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma. Wɔyɛ asututufo, 30nsekubɔfo, Onyame atamfo, anuɔdenfo, ahantanfo, ahohoahoafo, nnebɔne farebaefo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, 31wonni ti, apamsɛefo, wonni tema, wonni mmɔborohunu. 32Na wonim Nyankopɔn ahyɛde yiye sɛ owu na ɛfata wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi de, nanso ɛnyɛ ɔyɛ nko na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa ade no so.
Currently Selected:
Romafo 1: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: