YouVersion Logo
Search Icon

Numeri 13

13
Akwansrafo no
1 # Deut 1.19-25 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfo no; monsoma ɔbarima biako mfi wɔn agyanom abusuakuw biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi. 3Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn fii Paran sare so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfo mu atitiriw. 4Na wɔn din ni: Ruben abusuakuw mu de ne Sakur ba Samua; 5Simeon abusuakuw de, Hori ba Safa; 6#Yos 14.7 Yuda abusuakuw de, Yefune ba Kaleb; 7Isakar abusuakuw de, Yosef ba Igal; 8#Deut 13.16; 1 Be 7.27 Efraim abusuakuw de, Nun ba Hosea; 9Benyamin abusuakuw de, Rafu ba Palti; 10Sebulon abusuakuw de, Sodi ba Gadiel; 11Yosef abusuakuw a ɛne Manase abusuakuw de, Susi ba Gadi; 12Dan abusuakuw de, Gemali ba Amiel; 13Aser abusuakuw de, Mikael ba Setur; 14Naftali abusuakuw de, Wofsi ba Nahbi; 15Gad abusuakuw de, Maki ba Geuel; 16#Deut 11.28 eyinom ne mmarima a Mose soma kɔsraa asase no. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua.
17Na Mose somaa wɔn sɛ wɔnkɔsra Kanaan asase no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔfa anafo fam ha yi, na monkɔforo mmepɔw no; 18na monkɔhwɛ asase no sɛnea ɛte ne aman a wɔtete so no, sɛ wɔyɛ den anaasɛ wɔagurow, wosua anaasɛ wɔdɔɔso, 19ne sɛnea asase a wɔtete so no te, sɛ ɛyɛ asase pa anaa bɔne, ne sɛnea nkurow a wɔtete mu no tetee, sɛ wɔtete nsra mu anaa aban mu, 20ne sɛnea asase no te, sɛ emu yɛ bɛtɛɛ anaa kyenkyerenn, sɛ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so; na momfa akokoduru ntetew asase no so aba bi mmra. Nso saa bere no yɛ bobe aba a edi kan bere.
21Na wosiim kɔe kɔsraa asase no fi Sin sare so kosii Rehob, nea wɔnam kɔ Hamat no. 22Na wɔforo faa nifa fam, na woduu Hebron, nea Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron no, wɔkyekyeree no mfe ason ansa na wɔkyekyere Soan a ɛwɔ Misraim). 23Na woduu Eskol bon mu, na wotwaa obobe baa ne bobe kasiaw biako wɔ so wɔ hɔ, na nnipa baanu wuraa no dua, ne ateaa ne borɔdɔma. 24Esiane sɛ: Israelfo no twaa obobe aba kasiaw wɔ hɔ no nti, wɔfrɛ hɔ Eskol: ase ne: Bobe kasiaw.
25Na adaduanan dui no, wɔsan fii asase no sra bae. 26Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfo asafo no nyinaa nkyɛn Paran sare so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn. 27#Eks 3.8, 17 Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn so no so, na ɛsen nufusu ne ɛwo #13.27 NUFUSU ne ƐWO: Eyi kyerɛ sɛ asase no ye, na ɛnyɛ sɛ nufusu ne ɛwo sen wɔ so sɛ asubɔnten. ampa, na ɛso aba ni. 28Nanso amanfo a wɔtete asase no so no yɛ den, na nkurow no, wɔabɔ ho ban, ɛsosoe sɛ, na yehuu Anak mma nso wɔ hɔ. 29Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho.
30 # Deut 13.6; 14.6 Na Kaleb dwudwoo ɔman no maa Mose, na ɔkae sɛ Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no; na otumi de, yebetumi wɔn. 31Na mmarima a wɔne no kɔe no kae sɛ: Yɛrentumi nkɔforo nhyɛ ɔman no, efisɛ wɔyɛ den sen yɛn. 32Na wɔmaa asase a wɔkɔsrae no ho atenka bɔne trɛw Israelfo no mu sɛ: Asase a yɛfaa mu kɔsrae no yɛ asase a edi ɛsotefo, na nkurɔfo a yehuu wɔn wɔ so no nyinaa yɛ abran ara nko; 33#Deut 9.2 na ɛhɔ na yehuu abran akɛse no, (Anak mma a wofi abran akɛse no mu no), na yɛyɛɛ yɛn ankasa ani so sɛ mmebɛw, na saa nso na yɛyɛe wɔ wɔn ani so.

Currently Selected:

Numeri 13: RATB

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in