Hebrifo 7
7
Melkisedek kwan so Sɔfodi
1 #
Gye 14.18-20
Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo, Abraham kokum ahene no na ɔresan aba no, okohyiaa no hyiraa no. 2Nso Abraham maa no ade nyinaa so ntotoso du du, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ trenee hene kan, na ɛno akyi nso ɔyɛ Salem hene, ɛne asomdwoe hene, 3onni agya nni na nni awo ntoatoaso, onni nna mfiase anaa nkwa awiei, na wɔde no toto Onyankopɔn Ba no ho a, ɔyɛ ɔsɔfo afebɔɔ.
4Na monhwɛ onipa yi a agya panyin Abraham maa no asade no so ntotoso du du no so a ɔso! 5#Num 18.21 Na wɔn a wofi Lewi mma mu nya asɔfodwuma no nso wɔ ahyɛde bi sɛ wonnye ntotoso du du, sɛnea mmara no te, wɔ ɔman no, ɛne sɛ, wɔn nuanom a wɔn nso fi Abraham asen mu no, nkyɛn; 6nanso nea n’abusua mfi wɔn mu no gyee Abraham hɔ ntotoso du du, na ohyiraa nea ɔwɔ bɔhyɛ no. 7Nso akyinnye biara nnim sɛ nea ɔkyɛn so no na ohyira akumaa.
8Na ɛha nso, nnipa a wowu na wogye ntotoso du du, na ɛhɔ de, nea wodi ne ho adanse sɛ ɔte ase no. 9Na yebetumi aka sɛ, Lewi nso a ogye ntotoso du du no nam Abraham so maa ntotoso du du no bi, 10efisɛ bere a Melkisedek behyiaa no no, na ɔda so wɔ n’agya asen mu.
Ɔsɔfo foforo a ɔte sɛ Melkisedek
11 #
Heb 7.18-19
Na afei sɛ pɛyɛ nam Lewifo asɔfodi so ba a, (efisɛ ɛno so na ɔman no nyaa mmara no,) anka dɛn hia na ehia bio sɛ Melkisedek akwan so sɔfo foforo bɛsɔre na wɔnka no sɛ Aaron kwan so? 12Na sɛ wɔsakra asɔfodi no a, etwa sɛ wɔsakra mmara no nso.
13Na nea wɔbɔ ne din ka nsɛm yi fi abusuakuw foforo a obi mfii mu mmɛyɛɛ afɔremuka ho adwuma pɛn mu. 14#Gye 49.10; Yes 11.1 Efisɛ ɛda adi fann sɛ, Yuda mu na yɛn Awurade puei, nso saa abusuakuw yi Mose ammɔ din anka asɔfodi ho hwee. 15Na nea ɛma asɛm no da adi fann koraa ne sɛ, ɔsɔfo foforo sɔre Melkisedek nsɛso so 16a wɔamfa ɔhonam ahyɛde mmara so, na mmom wɔnam nkwa a ɛnsɛe ahoɔden so ayɛ no ɔsɔfo. 17#Nnw 110.4; Heb 5.6 Na wodi ne ho adanse sɛ:
Woyɛ Melkisedek
akwan so sɔfo daa.
18Na wogu ahyɛde bi a edi kan wɔ emu ade a ɛyɛ mmerɛw na ɛho nni mfaso nti, 19#Heb 9.9 (efisɛ mmara no amma biribiara anni mu,) nanso wɔde anidaso a eye kyɛn so a yɛnam so bɛn Onyankopɔn ba mu, de si ananmu.
20Na sɛnea wɔankwati ntanka anyɛ eyi no, ɛwom sɛ wɔn de, wɔkwatii ntanka yɛɛ asɔfo, 21#Nnw 110.4 nanso oyi de, nea ɔka kyerɛɛ no sɛ:
Awurade aka ntam,
na ɔrennu ne ho sɛ:
Woyɛ ɔsɔfo daa no,
de ntanka ahyɛ no sɔfo,
22 #
Heb 8.6; 12.24 Sɛnea apam a Yesu adi mu agyinam yi ye kyɛn so ne no.
23Na wɔn de, esiane sɛ owu amma wɔantena hɔ nti, wɔyɛɛ asɔfo a wɔdɔɔso, 24nanso oyi de, sɛ ɔte hɔ daa nti, odi sɔfo afebɔɔ. 25#Rom 8.34; 1 Yoh 2.1 Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.
26 #
Heb 4.14
Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro. 27#Lew 16.6; 16.15 Ɔno na enhia no daa, sɛ asɔfo mpanyin no, sɛ ɔbɔ n’ankasa bɔne ho afɔre kan ansa na wabɔ ɔman no de, na mmom ɔde ne ho bɔɔ afɔre no, ɔyɛɛ eyi prɛko pɛ. 28#Heb 5.1-2 Na mmara no de, hyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛw asɔfo mpanyin, na mmara no akyi ntanka asɛm no hyɛ ɔba a wawie pɛyɛ daa no sɔfo panyin.
Currently Selected:
Hebrifo 7: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: