Hebrifo 4
4
Ahome a Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no
1Saa nti, ɛnam sɛ wɔagyaw yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, na mo mu biara anyɛ sɛ waka akyiri. 2Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔtee no ho mfaso, efisɛ ɛne gyidi no ankɔ bɛn koro mu, wɔn a wɔtee no mu. 3#Nnw 95.11; Heb 3.11 Na yɛn a yɛagye adi kɔ ɔhome no mu, sɛnea ɔkae sɛ:
Mekaa ntam m’abufuw mu sɛ:
Wɔrenhyɛn me home mu.
Nanso wofi wiase fapemto awie nnwuma no dedaw. 4#Gye 2.2 Na baabi waka ɛda a ɛto so ason no ho asɛm sɛ: Na Onyankopɔn homee da a ɛto so ason fi ne nnwuma nyinaa mu. 5Na ɛha yi ɔka bio sɛ:
Wɔrenhyɛn me home mu.
6Enti, sɛ aka sɛ ebinom bɛkɔ mu na asoɔden nti wɔn a wɔkaa wɔn asɛmpa no kan no ankɔ mu nti, 7#Nnw 95.7-8; Heb 3.7 ɔhyɛɛ da bi bio nam Dawid so kae sɛ: Ɛnnɛ, ɛkyɛe saa no, ɔkae sɛnea yɛabɔ din dedaw no sɛ:
Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,
mummpirim mo koma!
8 #
Deut 31.7; Yos 22.4 Na sɛ Yosua ama wɔahome a, anka akyiri yi wammɔ da foforo din bio.
9Ɛnne na homedadi aka ama Onyankopɔn man. 10#Adi 14.13 Na nea wahyɛn ne home mu no, ɔno nso home fii ne nnwuma ho, sɛnea Onyankopɔn home fii ne de ho no.
11Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛn ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden koro no ara ho nhwɛso. 12#Yer 23.29 Na Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo. 13Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.
Yɛn sɔfo panyin Yesu
14 #
Heb 3.1; 6.20; 7.26; 8.1; 9.11 Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panyin kɛse a watwa ɔsoro mu, Yesu, Onyankopɔn Ba no yi, momma yenso yɛn gyidi asɛm a yegyina so ka no mu dennennen. 15#Heb 2.17 Na yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ na onni tema mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne. 16#1 Yoh 3.21; Rom 3.25 Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu adom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.
Currently Selected:
Hebrifo 4: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: