Hebrifo 12
12
Yesu nhwɛso
1 #
Rom 7.21; Heb 10.36; 1 Ko 9.24 Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo pii a wɔte sɛ mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho hyia siw yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansi a ɛda yɛn anim no mu mmirika, 2nhwɛ gyidi mu adikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛnnua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua nifa.
3 #
Luka 2.34
Na munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.
4Mo ne bɔne redi ako yi, munnya nsiw ano nkoduu mogya mu ɛ, 5#Mmb 3.11-12 na mo werɛ afi afotu a ɛkasa kyerɛ mo sɛ mma no sɛ:
Me ba, mmu Awurade asotwe ade ketewa,
nanso oyi wo ntɛn a, mma w'aba mu mmu.
6 #
Adi 3.19
Na nea Awurade dɔ no no na ɔtwe n’aso,
na ɔhwe ɔba biara a ogye no.
7Sɛ muhu asotwe mu amane tena mu a, Onyankopɔn yɛ mo sɛ mma. Na ɔba bɛn na ɔwɔ hɔ a n’agya ntwe n’aso? 8#Nnw 73.14-15 Na sɛ munni asotwe a wɔn nyinaa anya bi no bi a, ɛnne na moyɛ aguaman mma, na ɛnyɛ mma mapa. 9#Num 16.22 Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefo na yɛfɛree wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase nkyɛn saa pii mmom, na yɛatena ase? 10Na wɔn de, wɔtwee yɛn aso nna kakraa bi sɛnea eye wɔ wɔn ani so nko, na ɔno de, yɛn yiye nti na ɔtwe yɛn aso, na yɛanya n’ahotew no bi. 11#2 Ko 4.17-18 Na asotwe biara, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.
12 #
Yes 35.3
Enti monhyɛ nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow no mu den bio. 13#Mmb 4.26 Na munsiesie ɔkwan trenee mma mo anan, na nea atɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yare.
Po a wɔpo Onyankopɔn adom no ho kɔkɔbɔ
14 #
Rom 12.18; 2 Tim 2.22 Munni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoe ne ahotew a obi kwati a, ɔrenhu Awurade no akyi. 15#Deut 29.18 Na monhwɛ yiye na obi amfi Nyankopɔn adom ho anka akyiri, na wanyɛ sɛ ntini nwenewene bi amfifi anyɛ ɔhaw biara, na amfa nkekae ammɛkeka nnipa bebree, 16#Gye 25.33-34 na obi anyɛ oguamammɔfo anaa ohuhuni sɛ Esau a ɔtɔn n’abakan gyee aduan koro. 17#Gye 27.30-40 Na munim sɛ, akyiri yi nso a ɔpɛe sɛ onya nhyira no, wɔpaa no, na ɔde nusu hwehwɛɛ adwensakra kwan de, nanso wanhu.
18 #
Eks 19.12-22; 20.18-21; Deut 4.11-12; 5.22-27 Na moamma bepɔw a wɔde nsa ka no ho, ne ogya a ɛrehyew ne omununkum kusuu ne esum ne mframa a ɛbɔ huu 19#Eks 20.19 ne torobɛnto gyigye ne nsɛm nne a wɔn a wɔtee no srɛe sɛ wɔmmfa asɛm bi nnka wɔn ho bio no ho. 20#Eks 19.12-13 Na wɔantumi nea wɔhyɛe a ese: Na sɛ aboa bi mpo ho kɔka bepɔw no a, wonsiw no abo. 21Na nea epuei no yɛ hu pii nti, Mose kae sɛ: Misuro, na me ho popo! 22#Adi 14.1; Adi 21.2, 5, 11; Gal 4.26 Na mmom, moaba Sion bepɔw ne Onyankopɔn teasefo kurow, ɔsoro Yerusalem, ho, ne abɔfo mpempem nhyiam, 23#Luka 10.20 ne mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no bagua, ne nnipa nyinaa ɔtemmufo, Onyankopɔn, ne atreneefo a wɔayɛ pɛ ahonhom, 24#Gye 4.10 ne Apam foforo ntamgyinafo Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yiye sen Habel de ho.
25 #
Heb 2.2; 10.28-29 Monhwɛ na moampo nea ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo nea ɔkasae asase so no amfi ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdan fi nea ofi soro kasa no ho a, yebeguan? 26#Hag 2.6 Ɔno na ɛbere no mu ne nne wosow asase, na afei wahyɛ bɔ sɛ: Mɛwosow prɛko bio, ɛnyɛ asase nko, na ɔsoro nso. 27Na asɛm “prɛko bio” no kyerɛ nneɛma a wɔwosow no nsakrae, sɛ ɛyɛ ade a wɔayɛ, na nneɛma a ɛnwosow no atena hɔ.
28Enti sɛ yɛanya ahenni a ɛnwosow yi, momma yɛmfa aseda mmra, mfa so nsom Nyankopɔn sɛnea ɛsɔ n’ani wɔ fɛre ne ahodaso mu. 29#Deut 4.24; 9.3 Efisɛ yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew.
Currently Selected:
Hebrifo 12: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: