Hebrifo 1
1
Onyankopɔn nam Kristo so kasa
1Onyankopɔn a tete no ɔnam mmere horow ne akwan horow so, nam adiyifo kasa kyerɛɛ agyanom no, 2#Nnw 2.8; Yoh 1.3; Kol 1.16 nna a edi akyiri yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nneɛma nyinaa so ɔdedifo, a ɔnam no so nso abɔ wiase nyinaa. 3#2 Ko 4.4; Kol 1.15; Heb 9.14; 9.26; Mar 16.19 Ɔno ara a ɔyɛ n’anuonyam no haran ne ne su sɛso, na ɔnam ne tumi asɛm so, na ɔde n’ankasa ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa anuonyam kɛse no nifa so ɔsorosoro, 4#Flp 2.9 na wakyɛn abɔfo no mmoroso, sɛnea ne din kunini a wanya no kyɛn wɔn de no.
Kristo yɛ Onyankopɔn ba, na abɔfo yɛ n’asomfo
5 #
Nnw 2.7; 2 Sa 7.14 Na abɔfo mu hena na waka akyerɛ no pɛn sɛ:
Me ba ne wo,
me na mawo wo nnɛ?
Na bio:
Mɛyɛ no Agya,
na wayɛ me ɔba?
6 #
Rom 8.29; Nnw 97.7 Na onya de abakan no ba wiase bio a, ose:
Ma Onyankopɔn abɔfo nyinaa nsɔre no!
7 #
Nnw 104.4
Na abɔfo no ho de, ose:
Ɔyɛ n’abɔfo mframa
ne n’asomfo ogyaframa
8 #
Nnw 45.6-7
Na ɔba no ho de, ose:
Onyankopɔn, w’ahengua wɔ hɔ daapem daapem,
w’ahenni poma yɛ poma a ɛteɛ.
9Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ,
enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahosan ngo asra wo asen wo mfɛfo.
10 #
Nnw 102.25-27
Na:
Awurade, mfiase no, wotoo asase fapem,
na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.
11Ɛnonom bɛsɛe, na wo de, wowɔ hɔ ara,
na ne nyinaa besuw sɛ atade,
12na wobɛbobɔw no sɛ ofuratam,
na wɔasakra wɔn sɛ atade;
na wo de, wote sɛ wote ara,
na wo mfe renhi da.
13 #
Nnw 110.1
Na abɔfo no mu hena ho na waka pɛn sɛ:
Tena me nifa so
kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso?
14 #
Dan 7.10; Nnw 34.7; 91.11 Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfo a, wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye no difo no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?
Currently Selected:
Hebrifo 1: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: