Galatifo 5
5
Mmara si Kristo kwan
1 #
Gal 4.5; 4.31; Aso 15.10 Adehyedi mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti munnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔndua ntoatoa mo bio! 2Hwɛ, me Paulo, mise mo sɛ wotwa mo twetia a, Kristo ho remma mfaso biara mma mo. 3Na midi adanse bio mekyerɛ onipa biara a wotwa no twetia sɛ, etwa no sɛ odi mmara no nyinaa so. 4Mo a mopɛ sɛ wobu mo bem mmara mu no, moatetew mo ho afi Kristo ho, moafi adom mu ahwe ase. 5Na yɛn de, yɛnam honhom so, fi gyidi mu twɛn trenee anidaso. 6#Gal 6.15; 1 Ko 7.19 Efisɛ Kristo Yesu mu de, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidi a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.
Ɔkasatia a edi akyiri
7Na moretu mmirika no yiye; hena na osiw mo kwan sɛ munntie nokware no? 8#Gal 1.6 Saa adwensakra yi mfi nea ɔfrɛ mo no. 9#1 Ko 5.6 Mmɔkaw ketewa bi na ɛkaw mmɔre no nyinaa. 10#Gal 1.7; 2 Ko 11.15 Me de, m’ani da mo so Awurade mu sɛ morennwen biribi foforo biara sɛ me de no; na nea ɔhaw mo no, ɔte dɛn ara a, obenya atemmu. 11#1 Ko 1.23 Na me de, anuanom, sɛ meda so meka twetiatwasɛm a, anka adɛn na wɔda so taa me? Ɛnne na anka asɛnnua no hintidua no nni hɔ bio. 12#Nnw 12.3 Me nko a, anka wɔn a wɔma monya adwenem sakasaka no, adi wɔn ho awu!
Ɔdɔ siw ahofadi kwan
13 #
1 Pe 2.16
Anuanom, adehyedi mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedi no nnyɛ ɔkwan mmma ɔhonam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho! 14#Lew 19.18 Na mmara no nyinaa wie pɛ asɛm biako mu, ɛne sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! 15Na sɛ mokeka, na momemmene mo ho a, monhwɛ yiye, na moanni mo ho awu.
Honhom ne onipa su
16 #
Gal 5.25
Na mise: Monnantew honhom mu, na munnni ɔhonam akɔnnɔ akyi. 17#Rom 7.15; 7.23 Na ɔhonam kɔn dɔ tia honhom, na honhom tia ɔhonam, na nneɛma abien yi nhyia, na esiw mo nea mopɛ sɛ moyɛ ho kwan. 18Na sɛ honhom de mo nam a, na munni mmara ase.
Nea efi onipa su mu ba
19 #
1 Ko 6.9-10
Na ɔhonam nnwuma no da adi pefee, ɛne aguamammɔ, efi, ahohwi, 20abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaepaemu, 21#Efe 5.5; Adi 22.15 nitan, asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa; eyinom ho na merebɔ mo kɔkɔ, sɛnea mebɔɔ mo kɔkɔ kan no, sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni no.
Honhom aba
22 #
Efe 5.9
Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, 23#1 Tim 1.9 odwo, anidahɔ. Mmara bi nni hɔ a etia eyinom. 24#Rom 6.6; Kol 3.5 Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu de abɔ ɔhonam ne ne nhyɛsode ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu. 25#Gal 5.16; Rom 8.4 Sɛ yɛte ase honhom mu a, momma yɛnnantew honhom mu nso. 26#Flp 2.3 Mommma yɛmmpɛ anuonyamhunu nnyiyi yɛn ho abufuw nntentan yɛn ho.
Currently Selected:
Galatifo 5: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: