Eksodɔs 22
22
Ɛka tua ho mmara
1 #
Luka 19.8
Sɛ obi kowia nantwi anaa oguan kum anaa ɔtɔn no a, ɔmfa anantwi anum nsi nantwi biako no ananmu, ne nguan anan nsi oguan biako no ananmu.
2Sɛ wohu owifo sɛ ɔrebubu aba mu, na wɔbɔ no ade na owu a, wonni ne mogya ho fɔ; 3na sɛ owia pue no so de a, wobedi ne mogya ho fɔ. Ananmu na onsi; sɛ onni biribi a, ne korɔn no nti wɔntɔn no. 4Sɛ wohu akorɔnne wɔ ne nsam, sɛ nantwi oo, afurum oo, oguan oo, na ɔyɛ anikan a, ommu mmɔ ho nsi ananmu.
5Sɛ obi ma wodi afuw anaa bobe turo bi mu ade anaa ogyaa n'aboa ma okodi obi afuw mu ade a, ɔmfa n'ankasa afuw mu nnepa ne ne bobe turo mu nnepa bi na ensi ananmu. 6Sɛ ogya dɛw na ɛkɔso nsɔe mu, na ɛhyew awi afiafi kuw anaa awi a egyina hɔ anaa afuw a, ɔhyɛ na nea ɔsɔɔ ogya no nhyɛ ananmu.
7Sɛ obi de sika anaa nneɛma ma ne yɔnko asie na wowia wɔ onipa no fi na wohu owifo no a, ommu mmɔ ho nhyɛ ananmu. 8#Eks 21.6 Sɛ wɔanhu owifo no a, wɔmfa ofiwura no mmra Onyankopɔn anim mmɛhwɛ sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko no ade no anaa. 9Mmarato ho asɛm biara, nantwi de oo, afurum de oo, oguan de oo, atade de oo, ade a ayera biara a obi bɛka sɛ “ɛne no” de oo, Onyankopɔn anim ara na wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra. Nea Onyankopɔn bebu no fɔ no, ɔmmɔ ho abien nhyɛ ne yɔnko no ananmu. 10Sɛ obi de afurum, sɛ nantwi, sɛ oguan, sɛ aboa bi ma ne yɔnko asie, na owu anaa opira anaasɛ wɔka no to wuram na obi anhu a, 11AWURADE ntam mmra wɔn baanu ntam, sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko ade anaa? Na ɔdede no mpene na obiako no nhyɛ ananmu. 12Na sɛ owia na wowiae wɔ ne nkyɛn a, ɔnhyɛ ɔdede no ananmu. 13#Gye 31.39 Sɛ ɔtetew na aboa bi tetew no a, ɔmfa mmra mmedi adanse; na ɔnnhyɛ nea wɔatetew no no ananmu.
14Sɛ obi kɔfɛm biribi ne yɔnko nkyɛn na opira anaasɛ owu, na ɔdede no ho nni mu a, ɔhyɛ na ɔnhyɛ ananmu. 15Sɛ ɔdede no ho wom a, ɔnnhyɛ ananmu; sɛ wɔbɔɔ no paa a, na n'apaadi na ɛma ɛbae.
Abrabɔ ne nyamesom ho mmara
16 #
Deut 22.28-29
Sɛ obi kɔdaadaa ababaa a wonnyee no aware ne no da a, ma ɔmma tiade na ɔnware no. 17Sɛ n'agya mpene sɛ ɔde no ma no a, ɔnkari sika mma, sɛnea wɔma mmaabun tiade no.
18 #
Lew 20.6, 27; Deut 18.10; 1 Sa 28.9 Mma ɔbayifo nntena ase.
19 #
Lew 18.23; Deut 27.21 Obiara a ɔne aboa bɛda no, okum na wonkum no.
20 #
Deut 13.6-18; 17.2-7 Nea ɔbɛbɔ afɔre ama onyame biara na ɛnyɛ AWURADE nko no, wɔnsɛe no korakora.
21 #
Eks 23.9; Lew 19.33-34; Deut 10.18-19; 24.17-18; 27.19 Na ɔhɔho de, mmɔ no atirimmɔden, nso nhyɛ no so, efisɛ mo nso moakɔyɛ ahɔho Misraim asase so pɛn. 22#Yes 1.17 Monnhyɛ ɔbeakunafo anaa ayisaa so. 23Sɛ wohyɛ wɔn so, na wosu frɛ me pɛ a, otie na metie wɔn sufrɛ no, 24na m'abufuw ano ayɛ den, na mede nkrante makum mo, na mo yerenom adannan akunafo, na mo mma ayeyɛ nyisaa.
25 #
Lew 25.36; Deut 23.19; 24.10 Sɛ wofɛm me man mu ɔbrɛfo bi a ɔne wo wɔ hɔ sika a, nyɛ no sɛ ɔpempensifo; munnnye no mfɛntom.
26 #
Deut 24.12-13
Sɛ wugye wo yɔnko ntama awowa a, san fa ma no ansa na owia akɔtɔ, 27efisɛ ɛno nko ne ne nkataho, ne honam ntama. Dɛn na ɔmfa nna? Na sɛ, osu frɛ me a, metie, efisɛ mmɔborohunufo ne me.
28 #
Eks 21.6; Ɔsɛ 10.20; Aso 23.5 Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panyin nso, nnome no.
29 #
Deut 18.4; Eks 13.2, 13 Wo nnɔbae ne wo nnuaba mu nsu mu adekan no, ntwentwɛn sɛ wode bɛma. Wo mmabanin mu mmakan no, fa ma me. 30#Hes 44.30; Lew 22.27 Saa ara na yɛ w'anantwi ne wo nguan; nnansɔn na ɔne ne na ntena, da a ɛto so awotwe no, fa no brɛ me. 31#Lew 7.24; 11.40; 17.15; 22.8; Deut 14.21; Hes 44.13 Na monyɛ nnipa kronkron mma me, na munnni nam bi a wɔatetew mu wɔ wuram; montow nkyene mma akraman. #22.31 AKRAMAN: Asɛm yi mu no, ebetumi agyina hɔ ama mmoa akraman, nanso kan tete Yudafo no bere so no wɔde akraman gyina hɔ ma nnipa a wɔn nni mfaso.
Currently Selected:
Eksodɔs 22: RATB
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: