Eksodɔs 20
20
Mmara nsɛm du no
(Deuteronomium 5.1-21)
1 #
Deut 5.6-21
Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ: 2Mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so nkoafi mu no. 3#Deut 6.4-5; 1 Ko 8.6 Nnya anyame foforo nka me ho. 4#Lew 26.1; Deut 27.15; Nnw 97.7; Yes 40.18-26; Rom 1.23 Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn. 5#Eks 34.7; Yer 31.29-30; Hes 18.2-3, 20 Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so, 6na meyɛ mpem a wɔdɔ me na wodi me mmara nsɛm so adɔe. 7#Lew 24.16 Mmɔ Awurade wo Nyankopɔn din kwa, na Awurade remma nea ɔbɔ ne din kwa no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ. 8#Eks 16.25; Hes 20.12; Mar 2.27-28; Kol 2.16-17 Kae homeda, na yɛ no kronkron. 9Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w'ade nyinaa; 10na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn: nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babea, w'akoa ne w'afenaa ne wo mmoa ne wo hɔho a ɔwɔ wo fi apon mu. 11#Gye 2.2-3 Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwowɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛto so ason no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron. 12#Mat 15.4; Efe 6.2-3 Di w'agya ne wo na ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so. 13#Eks 21.12; Gye 9.5-6; Yak 2.11 Nni awu. 14#Lew 20.10; Efe 3.3-5 Nsɛe aware. 15#Lew 19.11; Efe 4.28 Mmɔ korɔn. 16#Eks 23.1; Efe 4.25 Nni wo yɔnko ho adansekurum. 17Mma w'ani mmmere wo yɔnko fi. Mma w'ani mmmere wo yɔnko yere anaa n'akoa anaa n'afenaa anaa ne nantwi anaa n'afurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.
Ɔman no suro
(Deuteronomium 5.22-33)
18Na ɔman no nyinaa huu aprannaa ne anyinam a ɛpaepae ne torobɛnto nne ne bepɔw a efi wusiw no. Na ɔman no hui no, wɔn ho popoe, na wokogyinaa akyirikyiri. 19Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yebetie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu.
20Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro, na Onyankopɔn rebɛsɔ mo ahwɛ, na ne ho hu atena mo ani so, na moanyɛ bɔne. 21#Heb 12.18 Na ɔman no gyinaa akyirikyiri, na Mose twiw bɛn sum kabii a Onyankopɔn wɔ mu no.
22Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ ka kyerɛ Israelfo no ni: Mo ara moahu sɛ mifi soro na me ne mo akasa. 23Monnyɛ me so dwetɛ anyame ne sika anyame; monnyɛ bi mmfa.
24 #
Eks 27.1, 8; 29.42-43; Deut 12.5 Dɔte afɔremuka na yɛ ma me, na wode hyew afɔre ne w'asomdwoe afɔre, wo nguan ne w'anantwi no abɔ so afɔre; baabiara a mɛma wɔakae me din no mɛba wo nkyɛn mabehyira wo. 25#Deut 27.5; Yos 8.31 Na sɛ worebɛyɛ abo afɔremuka ama me a, mfa abo a wɔatwa nsi; na sɛ woma w'adwinnade so bɔ so a, woagu ho fi. 26Na mforo atrapoe nkɔ m'afɔremuka so, na w'adagyaw anna adi wɔ so.
Currently Selected:
Eksodɔs 20: RATB
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: