Eksodɔs 13:21-22
Eksodɔs 13:21-22 RATB
Na AWURADE dii wɔn anim, awia, omununkum dum mu, sɛ ɔrekyerɛ wɔn kwan, na anadwo, ogya dum mu, sɛ ɔrema wɔn hann, na wɔanantew awia ne anadwo. Na omununkum dum no antwe ne ho awia, na ogya dum no antwe ne ho anadwo amfi ɔman no anim.





