Kolosefo 4
4
1 #
Lew 25.43; 25.53 Awuranom, momfa nea ɛteɛ, na ɛyɛ pɛ mma nkoa, efisɛ munim sɛ mo nso mowɔ owura ɔsoro.
Mpaebɔ ho mmɔdemmɔ
2 #
1 Te 5.17
Munkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu. 3#Rom 15.30; Efe 6.19; 2 Te 3.1; 1 Ko 16.9 Na mommɔ mpae mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhiɛ asɛm no pon mma yɛn, na yɛaka Kristo ahintasɛm a enti meda afiase yi, 4na mayi no adi, sɛnea ɛsɛ me sɛ mekasa. 5#Efe 5.15-16; 1 Te 4.12 Monnantew nyansam wɔ ananafo mu, na monnsɛe mo bere kwa. 6#Efe 4.29; Mar 9.50 Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.
Tikiko ne Onesimo
7Tikiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfo nokwafo ne m'awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka mo me ho nsɛm nyinaa. 8#Efe 6.22 Eyi ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moate yɛn ho asɛm, na wakyekye mo werɛ, 9#Flm 10 na mede Onesimo, onua nokwafo dɔfo a ofi mo mu no, mekaa ne ho; wɔn na wɔbɛma moate ɛha nsɛm nyinaa.
Marko ne Yusto
10 #
Aso 19.29; 27.2 Aristarko, me yɔnko dommum, ne Barnaba wɔfase Marko a munyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, munnye no fɛw so). 11Na afei, Yesu a wɔfrɛ no Yusto, wɔn a wofi twetiatwa mu no, kyia mo. Eyinom nko ne me yɔnko adwumayɛfo Onyankopɔn ahenni no fam, na wɔayɛ me awerɛkyekye.
Epafra, Luka ne Dema
12 #
Kol 1.7
Kristo Yesu akoa Epafra a ofi mo mu no kyia mo. Daa odi ma mo dennennen wɔ mpaebɔ mu, sɛ munnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Onyankopɔn apɛde nyinaa mu. 13Na midi no adanse sɛ ɔbɔ mmɔden pii ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli. 14#2 Tim 4.10-11; Flm 24 Luka, oduruyɛfo dɔfo no, ne Dema kyia mo.
Laodikea asafo
15Munkyia anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a ɛwɔ ne fi no. 16Na sɛ wɔkenkan nhoma yi mo nkyɛn wie a, momma wɔnkɔkenkan Laodikeafo asafo no mu bi, na mo nso monkenkan nea efi Laodikea no. 17#Flm 2 Na monka nkyerɛ Arkipo sɛ: Hwɛ ɔsom a woanya no Awurade mu no so na woawie no pɛpɛɛpɛ.
Awiei
18 #
1 Ko 16.21; 2 Te 3.17 Me nkyia a me Paulo mede me nsa mekyerɛwee ni. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.
Currently Selected:
Kolosefo 4: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: