YouVersion Logo
Search Icon

Asomafo 22

22
(Asomafo 9.1-29; 26.9-20)
1 # Aso 7.2; 13.26 Anuanom ne agyanom, muntie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi! 2#Aso 21.40 Na wɔtee sɛ ɔkasa Hebri kasa de kyerɛ wɔn no, wɔyɛɛ komm koraa. Na ose: 3#Aso 5.34 Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔyɛn me kurow yi mu Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Onyankopɔn som ho mmɔden sɛnea mo nyinaa moyɛ nnɛ yi. 4#Aso 8.3 Na metaa Ɔkwan yi de kɔɔ owu mu. Mekyeree mmarima ne mmea, na miyii wɔn ma wɔde wɔn koguu afiase, 5sɛnea ɔsɔfo panyin nso ne mpanyimfo nyinaa di me adanse. Wɔn nkyɛn nso na mikogyee nhoma sɛ mede mekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ mekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehama mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.
6Na ɛbae sɛ menam ɔkwan no so na mebɛn Damasko no, ɛbɛyɛ sɛ owigyinae no, mpofirim hann kɛse bi fi soro hyerɛn betwaa me ho hyiae. 7Na mehwee fam, na metee nne bi a ese me sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me? 8Na mibuae sɛ: Ɛyɛ wo hena, Awura? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ me Yesu Nasareni a wotaa no no. 9Na wɔn a wɔne me nam no huu hann no de, nanso wɔante nea ɔne me kasa no nne. 10Na mekae sɛ: Dɛn na menyɛ, Awurade? Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Damasko, na ɛhɔ na wɔbɛka wo ade a wɔahyɛ sɛ yɛ nyinaa ho asɛm. 11Na hann no anuonyam amma manhu ade nti, wɔn a wɔne me nam no susoo me nsa, na wɔde me kɔɔ Damasko. 12Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni sɛnea mmara te a Yudafo a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔ no din pa 13baa me nkyɛn begyinaa hɔ ka kyerɛɛ me sɛ: Onua Saulo, hu ade! Na ɛdɔn no ara mu memaa m’ani so mihuu no. 14Na ɔkae sɛ: Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo ato hɔ sɛ hu ne pɛ a ɔpɛ, na hu ɔtreneeni no, na te nankasa nne. 15Na wobɛyɛ ne dansefo, na woadi nea woahu na woate ho adanse akyerɛ nnipa nyinaa. 16Na afei, adɛn na wotwentwɛn wo nan ase? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!
17Na ɛbae sɛ mesan mebaa Yerusalem na merebɔ mpae asɔrefi no, m'ani wiaa me ma mekɔɔ tebea foforo mu, 18na mihuu no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma wo ho nyɛ hare na fi Yerusalem ntɛm, efisɛ wɔrennye w’adanse a wubedi me ho no. 19#Aso 22.4 Na mekae sɛ: Awurade, wɔn ara wonim sɛ wɔn a wogye wo di no, mede wɔn miguu afiase, na mehwee wɔn hyia adan nyinaa mu. 20#Aso 7.58; 8.1 Na wɔrehwie wo dansefo Stefano mogya agu no, na me nso migyina ho, na mepene so, na mehwɛɛ wɔn a wokum no no ntade so. 21#Aso 9.15; 13.2 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ, na mɛsoma wo mafi ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu.
Wɔkyere no
22 # Aso 21.36 Na wotiee no beduu asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Yi saa onipa yi fi asase so, na ɛnsɛ sɛ ɔtena ase. 23Na wɔreteɛteɛm na wɔretow wɔn ntama gu, tu mfutuma gu ahun mu no, 24ɔsafohene no hyɛe sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu kae sɛ wɔmfa mpire mmisa no, na onhu dekode a enti wɔbom gu no so yi. 25#Aso 16.37; 23.27 Na wɔde nhama kyekyeree no no, Paulo bisaa ɔha so panyin a ogyina hɔ no sɛ: Mowɔ ho kwan sɛ moka onipa a ɔyɛ Romani na wommuu no fɔ mpire anaa? 26Na ɔha so panyin no tee saa no, ɔkɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ: Ɛdɛn na worebɛyɛ yi? Hwɛ, onipa yi yɛ Romani. 27Na ɔsafohene no bae bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Romani a, ka kyerɛ me! Na ose: Yiw. 28Na ɔsafohene no buae sɛ: Me de, ɔmammayɛ yi, mede sika pii na ɛtɔe. Na Paulo se: Me de, wɔde woo me. 29Ɛnna ntɛm ara wɔn a wɔrebebisa no no fii ne nkyɛn. Na ɔsafohene no tee sɛ ɔyɛ Romani no, osuroe sɛ wakyere no.
Paulo gyina asɛnnii
30Na ade kyee no, ɔpɛe sɛ ohu dekode a enti Yudafo toto n’ano no mu nokware nti, ɔsan no fii ne nkyehama mu, na ɔhyɛe sɛ asɔfo mpanyin ne wɔn baguafo nyinaa mmra, na ɔma wɔde Paulo bae begyinaa wɔn anim.

Currently Selected:

Asomafo 22: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in