Asomafo 16
16
Timoteo ka wɔn ho wɔ Listra
1 #
Aso 17.14; 19.22; 2 Tim 1.5 Na Paulo koduu Derbe ne Listra. Na hwɛ, baabi a osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani bea bi a ogyidini ba, na n’agya yɛ Helani. 2#Aso 6.3 Na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonium no bɔ no din pa. 3Ɔno na Paulo pɛe sɛ ɔne no kɔ, na Yudafo a wɔwɔ fa mu hɔ no nti, ɔfaa no twaa no twetia, efisɛ na wɔn nyinaa nim sɛ n’agya yɛ Helani. 4#Aso 15.23-29 Na wɔretwam nkurow no so no, wɔde mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no hyɛe sɛ wonni so no maa wɔn. 5Ɛnna asafo horow no yɛɛ den gyidi mu, na wɔkɔɔ so dɔe daa.
Paulo anisoadehu wɔ Troa
6 #
Aso 18.23
Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, efisɛ Honhom Kronkron siw wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia. 7Na woduu Misia ntentenso no, wɔpɛe sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan. 8Enti wotwaa Misia ho baa Troa.
9Na anadwo no, Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twam bra Makedonia bɛboa yɛn! 10Na ohuu anisoade no ara pɛ na yɛpɛe sɛ yɛkɔ Makedonia, efisɛ ɛyɛɛ yɛn ampa sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.
11Ɛnna yesii hyɛn mu tu fii Troa de mmirikatene baa Samotrake. Na ade kyee no, yɛbaa Neapoli. 12Na yefi hɔ kɔɔ Filipi a ɛne Makedonia fa hɔ tubrafo kurow titiriw mu. Na yedii kurow yi mu nna kakra.
Lidia adwensakra
13Na homeda dui no, yefii kurow no mu kɔɔ asu bi ho baabi a yesusuwii sɛ wɔbɔ mpae hɔ. Na yɛtenaa ase no, yɛkasa kyerɛɛ mmea a wɔabehyia hɔ no. 14#Yoh 6.44 Na ɔbea bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ɔtankɔkɔɔ a ofi Tiatira kurow mu a ɔfɛre Nyankopɔn tee; na Awurade buee ne komam sɛ ontie nea Paulo ka no. 15Na wɔbɔɔ ɔne ne fifo asu no, ɔsrɛe sɛ: Sɛ moabu me sɛ migye Awurade midi nokwarem a, mommra mmɛtena me fi; na ɔsrɛɛ yɛn ara na yɛne no kɔe.
Afenaa bi ayaresa
16 #
Aso 19.24
Na ɛbae sɛ yɛrekɔ asɔre no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom behyiaa yɛn; nso ɔde nkɔmhyɛ ma ne wuranom anya wɔn ho sɛ. 17#Mar 1.24; 1.34 Ɔno na odii Paulo ne yɛn akyi teɛɛm sɛ: Nnipa yi ne Nyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagye kwan. 18#Mar 16.17 Na ɔyɛɛ eyi nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahometew, na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Fi adi fi ne mu! Na dɔn no ara mu ofii adi. 19Na ne wuranom hui sɛ wɔn mfaso abɔ wɔn no, wosusoo Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ gua so mpanyimfo anim. 20#Aso 17.6; 1 Ah 18.17 Na wɔde wɔn kɔmaa asafohene sɛ: Nnipa yi yɛ Yudafo a wɔretane yɛn kurow yi ani, 21na wɔkyerɛ amanne bi a yenni ho kwan sɛ yegye anaasɛ yɛyɛ, efisɛ yɛyɛ Romafo. 22#2 Ko 11.25; Flp 1.30; 1 Te 2.2 Na nkurɔfokuw no nso sɔre hyɛɛ wɔn, na asafohene no yii wɔn ho ntade hyɛe sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23Na wɔkaa wɔn mmaa pii no, wɔde wɔn koguu afiase hyɛɛ afiasehwɛfo no sɛ ɔmfa wɔn nsie yiye. 24Na ɔno nso, wɔhyɛɛ no saa no, ɔde wɔn koguu afiase a ɛwɔ mfinimfini no mu, na ɔde wɔn anan bobɔɔ dua mu.
Ofiasehwɛfo no adwensakra
25Na ɔdasum no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafo no tiei. 26Na mpofirim ara asasewosow kɛse maa afiase no nnyinaso wosowee, na amonom hɔ ara apon no nyinaa buebuei, na wɔn nyinaa ahama sansanee. 27Na afiasehwɛfo no fi nna mu nyanee na ohui sɛ afiase apon no abuebue no, ɔtwee ne nkrante sɛ anka ɔrebekum ne ho, efisɛ osusuwii sɛ nneduafo no aguan. 28Na Paulo de nne kɛse teɛɛm sɛ: Nyɛ wo ho bɔne bi, na yɛn nyinaa wɔ ha. 29Na obisaa ɔkanea de mmirika bae, na ɔde ahopopo bɛhwee Paulo ne Silas anim, 30#Aso 2.37 na ɔde wɔn fii adi no, ɔkae sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa? 31Na wose: Gye Awurade Yesu di, na wobegye wo ne wo fifo nkwa. 32Na wɔkaa Awurade asɛm kyerɛɛ ɔne wɔn a wɔwɔ ne fi nyinaa. 33Na ɔfaa wɔn anadwo dɔn no ara mu hohoroo wɔn akuru no so, na ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu amonom hɔ ara. 34Na ɔde wɔn baa ne fi, tow wɔn pon, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adi nti, ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn.
Wogyaa asomafo no
35Na ade kyee no, asafohene no somaa asraafo bae sɛ: Gyaa nnipa no na wɔnkɔ. 36Na afiasehwɛfo no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Paulo sɛ: Asafohene no asoma sɛ wonnyaa mo mma monkɔ; enti afei mumfi adi nkɔ dwoodwoo. 37#Aso 22.25 Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔammu yɛn ntɛn, na wɔahwe yɛn a yɛyɛ Romafo wɔ abɔnten so, na wɔde yɛn agu afiase, afei ansa na wɔpɛ sɛ wɔpam yɛn kodɛɛ anaa? Dabida, na ma wɔn ankasa mmeyi yɛn. 38Na asraafo no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ asafohene no; na wɔtee sɛ wɔyɛ Romafo no, wosuroe. 39Na wɔbae bɛmaa wɔn dibem, na woyii wɔn srɛɛ wɔn sɛ womfi kurow no mu. 40Na wofii afiase hɔ kɔɔ Lidia fi. Na wohuu anuanom no, wɔkyekyee wɔn werɛ, na wofii hɔ kɔe.
Currently Selected:
Asomafo 16: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: