YouVersion Logo
Search Icon

2 Tesalonikafo 2

2
Nneɛma a edi Kristo ba anim
1 # 1 Te 4.13-17 Nso yɛsrɛ mo, anuanom, yɛn Awurade Yesu Kristo ba ne yɛn ano a wɔbɛboa aba ne nkyɛn no ho de, 2mommma wɔnnnan mo adwene ntɛm, na wonntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nhoma a wose efi yɛn nkyɛn ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu. 3#1 Tim 4.1; 1 Yoh 2.18; 4.3 Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, efisɛ ɛremma, gye sɛ ɔwae a wɔbɛwae no aba ansa, na wɔayi onipa a onni mmara no adi, ɔsɛe ba no 4#Dan 11.36 Nea ɔsɔre na ɔma ne ho so tia nea wɔfrɛ no Nyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Onyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔne Nyankopɔn.
Ɔsɛe a wɔbɛsɛe mmaratofo
5Monkae sɛ mewɔ mo nkyɛn no, mekaa mo eyinom anaa? 6Na afei, nea esiw kwan no, munim sɛ wobeyi no adi ne bere mu. 7#Aso 20.29 Na mmarato ahintasɛm no anya reyɛ adwuma, nanso gye sɛ wɔayi nea ɔda so siw kwan no afi ntam ansa. 8#Yes 11.4; Adi 19.15; 19.20 Na ɛno ansa na wobeyi nea onni mmara biara no adi, nea Awurade de n’anom home besɛe no na ɔde ne ba no pue beyi no hɔ koraa no.
Bɔne a ɛyɛ hu
9 # Mat 24.24; Adi 13.11-13 Ɔno nso na ne ba no, ɔba no Satan adwumayɛ so, atoro tumi ne sɛnkyerɛnne ne ahodwiriwde nyinaa mu 10#2 Ko 2.15; 4.3 ne nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔreyera no mu, esiane sɛ wɔannye nokware dɔ na wɔde agye wɔn nkwa no. 11#Rom 1.28; 2 Tim 4.4 Eyi nti Onyankopɔn bɛsoma nnaadaa a emu yɛ den aba wɔn mu ama wɔagye atoro adi, 12na wɔabu wɔn a wɔannye nokware anni na mmom wɔn ani asɔ nea ɛnteɛ no nyinaa atɛn.
Aseda
13 # 2 Te 1.3; Efe 1.4 Na yɛn de, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, efisɛ Onyankopɔn afi mfiase ayi mo kɔ nkwagye mu, honhom ahotew ne nokware gyidi mu. 14Emu na ɔnam yɛn asɛmpa no so afrɛ mo aba, na moanya yɛn Awurade Yesu Kristo anuonyam.
Afotu ne mpaebɔ
15 # 2 Te 3.6 Enti afei, anuanom, munnyina pintinn na munkura atetesɛm a yɛnam asɛm anaa yɛn nhoma so kyerɛkyerɛɛ mo no mu. 16Na ɔno, yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa adom mu no, 17ɔnkyekye mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den, asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.

Currently Selected:

2 Tesalonikafo 2: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in