YouVersion Logo
Search Icon

2 Korintofo 12:6-7

2 Korintofo 12:6-7 RATB

Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho po a, anka merenyɛ ɔkwasea, na mɛka nokware; nanso mema ɛka, na obi ammu me ankyɛn nea ohu me sɛ meyɛ, anaasɛ ɔte fi m’anom. Na nea ɛbɛyɛ na meremfa adiyi no ntraso memma me ho so bebrebe nti, wɔama me ɔhonam mu nsɔe, Satan bɔfo, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.