YouVersion Logo
Search Icon

2 Korintofo 1

1
Nkyia
1 # 1 Ko 1.1 Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Yesu Kristo somafo ne onua Timoteo de kɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo nyinaa a wɔwɔ Akaia man nyinaa mu. 2#Rom 1.7 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
Awerɛkyekye ne ogye so aseda
3 # Rom 15.5 Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya a ɔyɛ mmɔborohunu Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn 4a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekye a Onyankopɔn de kyekye yɛn werɛ no so akyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ. 5#Nnw 34.18; 94.19 Na sɛnea Kristo amanehunu ɛso pa ara ba yɛn so no, saa ara nso na yɛn awerɛkyekye nam Kristo so boro so. 6#2 Ko 4.15; 4.17 Na sɛ woteetee yɛn a, ɛyɛ awerɛkyekye ne nkwagye ma mo, na sɛ wɔkyekye yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekye ma mo; ɛno na edi dwuma boasetɔ mu, amane a yɛn nso yehu no ara mu. 7Na mo ho anidaso a yɛwɔ no mu yɛ den, efisɛ yenim sɛ, sɛnea muhu amane no bi no, saa ara nso na munya awerɛkyekye no bi.
8 # Aso 19.23; 1 Ko 15.32 Na, anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɛbaa yɛn so Asia no sie mo, sɛ ɛhyɛɛ yɛn so boroo yɛn tumi so, maa afei yɛn kɔn dɔɔ owu. 9Na yɛn ankasa huu no yɛn mu sɛ yebewu, enti yɛamfa yɛn ho anto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho too Nyankopɔn a onyan awufo no so. 10#2 Tim 4.18 Nea oyii yɛn fii saa owu kɛse yi mu no bɛkɔ so ara ayi yɛn, na yɛn ani da no so sɛ obeyi yɛn bio. 11Mo nso monkotɔ nsrɛ mma yɛn abia, na wɔde adom akyɛde a wɔnam nnipa pii nkotɔsrɛ so bɛkyɛ yɛn no, ama nnipa bebree nso ada ase ama yɛn.
Paulo ahohoahoa
12 # 2 Ko 2.17; Heb 13.18; 1 Ko 1.17 Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanse, sɛ yɛnam Onyankopɔn kronkronyɛ ne ahotew mu, na ɛnyɛ ɔhonam mu nyansa mu, na mmom Onyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra ewiase, ne titiriw no mo ntam. 13Na yɛnkyerɛw biribiara mmerɛ mo, gye nea mobetumi akenkan na moate ase; na m’ani da so sɛ mobɛte ase awie, 14#2 Ko 5.12; Flp 2.16 sɛnea mo nso moate yɛn ase ɔfa-ne-fa, sɛ yɛyɛ mo ahohoahoa, sɛnea mo nso moyɛ yɛn de, yɛn Awurade Yesu da no.
Nea enti a Paulo tu ne nsrahwɛ hyɛ da
15Na saa ahotoso yi mu na mebɔɔ me tirim kan no sɛ anka mɛba mo nkyɛn, na moanya adom mmɔho, 16#1 Ko 16.5-6 na mabɛfa mo nkyɛn makɔ Makedonia, na masan mafi Makedonia maba mo nkyɛn bio, na moagya me kwan ma makɔ Yudea. 17Enti mebɔɔ me tirim saa no, midii adwenharesɛm no anaa? Anaasɛ me tirim a mebɔe no, mebɔɔ no ɔhonam fam, na m’asɛm ayɛ yiw, yiw ne dabi, dabi anaa?
18Na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo nti, yɛn asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no nnyɛ yiw ne dabi. 19Na Onyankopɔn ba Kristo Yesu a me ne Silwano ne Timoteo kaa ne ho asɛm mo mu no, anyɛ yiw ne daabi, na mmom yiw na ɛwɔ no mu; 20#Adi 3.14 efisɛ Onyankopɔn bɔ dodow a ɔhyɛe no, ɔno mu na yiw no wɔ, na ne mu na Amen no wɔ ma wɔnam yɛn so hyɛ Onyankopɔn anuonyam. 21#1 Yoh 2.27 Na nea ɔde yɛne mo tim Kristo mu na wasra yɛn no ne Nyankopɔn; 22#2 Ko 5.5; Rom 8.16; Efe 1.13-14 ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ guaha #1.22: GUAHA: Ɛyɛ nsɛkyerɛnne bi a ɛkyerɛ sɛ obi agyaa agyapade bi mu ama akɔyɛ ne yɔnko de koraa. Tete bere mu no yehu eyi asasetɔ ho titiriw. ama yɛn wɔ yɛn koma mu.
23 # 2 Ko 11.31; Rom 1.9 Na me de, mefrɛ Onyankopɔn sɛ onni me kra adanse sɛ, mempɛ sɛ mebɛhow mo werɛ nti na mamma Korinto bio. 24#1 Pe 5.3 Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo so wɔ mo gyidi ho, na mmom yɛyɛ mo anigye ho yɔnko adwumayɛfo; efisɛ gyidi na mode gyina hɔ.

Currently Selected:

2 Korintofo 1: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in