YouVersion Logo
Search Icon

1 Korintofo 16

16
Tow a woyi kɔma Yerusalem asafo no mu ahiafo
1 # Aso 11.29; 2 Ko 8; 9; Gal 2.10 Na ɛfa tow a wɔde kɔma ahotefo no ho de, sɛnea mehyehyɛe Galatia asafo mu no, mo nso monyɛ saa ara. 2#Aso 20.7 Daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa nea ebesi no yiye ama wanya no nsie, na mamma ansa na wɔayi tow no. 3Na menya meba a, mɛma wɔn a mode nhoma bɛkyerɛ sɛ wɔsɛ no, de mo ayɛyɛde no akɔ Yerusalem. 4Na sɛ ɛsɛ sɛ me nso mekɔ bi a, wɔne me akɔ.
Paulo akwantu nhyehyɛe
5 # Aso 19.21 Na metwa mu Makedonia a, mɛba mo nkyɛn; efisɛ Makedonia na merekɔfa. 6#Rom 15.24 Na ebia mɛtena mo nkyɛn, anaasɛ medi awɔw bere nso mo nkyɛn, na baabiara a mɛkɔ no, moagya me kwan. 7#Aso 18.21; 20.2 Na mempɛ sɛ meretwam nko ara na mehu mo, na m’ani da so sɛ Awurade ma ho kwan a, medi mo nkyɛn nna kakra. 8#Aso 19.1; 19.10 Na mɛtena Efeso akosi Pentekoste; 9#2 Ko 2.12; Kol 4.3; Adi 3.8 efisɛ wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso.
Timoteo
10 # 1 Ko 4.17; Flp 2.20 Na sɛ Timoteo ba a, monhwɛ na wamfa ehu ne mo antena; na ɔyɛ Awurade adwuma no bi sɛ me nso. 11#1 Tim 4.12; 1 Ko 16.6 Ɛno nti obiara mmmu no animtiaa, na munnya no kwan asomdwoe mu, na ɔmmra me nkyɛn; na meretwɛn no ne anuanom no.
12 # 1 Ko 1.12 Na onua Apolo de, matu no fo pii sɛ ɔne anuanom no mmra mo nkyɛn; nso ɔmpɛ koraa sɛ ɔba mprempren, na mmom onya ho adagyew a, ɔbɛba.
13 # Efe 6.10 Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den. 14Monyɛ mo ade nyinaa ɔdɔ mu.
15 # 1 Ko 1.16; Rom 16.5 Na mitu mo fo, anuanom, munim Stefana fifo sɛ wɔne Akaia aba a edi kan, na wɔde wɔn ho ama ahotefo som no, 16#Flp 2.29 sɛ mo nso mommrɛ mo ho ase mma wɔn a wɔte saa ne obiara a ɔyɛ adwuma no bi na ɔbrɛ mu no. 17Na m’ani gye Stefana ne Fortunato ne Akaiko ba no ho, efisɛ munni me nkyɛn yi, wɔn na wɔabesi ananmu; 18na#1 Te 5.12 wɔama me honhom ne mo de ahome. Enti monhwɛ wɔn a wɔte saa no yiye!
19 # Aso 18.2; 18.18; 18.26; Rom 16.3; 16.5 Asafo a ɛwowɔ Asia no kyiakyia mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fi no kyia mo papaapa, Awurade mu. 20#Rom 16.16; 2 Ko 13.12; 1 Pe 5.14 Anuanom nyinaa kyia mo. Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho.
21 # Kol 4.18; 2 Te 3.17 Me Paulo me nsam nkyia ni. 22#Gal 1.8-9 Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, onnue! Maranata: #16.22 MARANATA: Asɛmfua yi yɛ Arameik kasa a asekyerɛ ne: Awurade bra! (Yɛn Awurade, bra!) 23Awurade Yesu adom ne mo ntena! 24Me dɔ nka mo nyinaa, Kristo Yesu mu. Amen.

Currently Selected:

1 Korintofo 16: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in