1 Korintofo 14
14
Nkɔmhyɛ sen kasa horow
1 #
1 Ko 12.10; 12.31 Mompɛ ɔdɔ akyi kwan, na mommɔ honhom akyɛde no ho mmɔden, ne titiriw sɛ mobɛhyɛ nkɔm. 2Nea ɔkasa kasa bi no, ɔnkasa nkyerɛ nnipa na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn; na obiara nte ase, na honhom mu na ɔka ahintasɛm. 3Na nea ɔhyɛ nkɔm de, ɔka nkɔsosɛm ne afotu ne awerɛkyekye kyerɛ nnipa. 4Nea ɔkasa kasa bi no ma n’ankasa ne ho nkɔso, na nea ɔhyɛ nkɔm no ma asafo no nkɔso. 5#Num 11.29; 1 Ko 12.10 Mepɛ sɛ anka mo nyinaa kasa kasa horow, nanso nea mepɛ mmom ne sɛ anka mobɛhyɛ nkɔm; na nea ɔhyɛ nkɔm so sen nea ɔkasa kasa horow, gye sɛ ɔkyerɛ ase ma asafo no nya nkɔso. 6#1 Ko 12.8 Na afei, anuanom, sɛ meba mo nkyɛn mebɛkasa kasa horow, na me ne mo ankasa adiyi anaa nimdeɛ anaa nkɔmhyɛ anaa ɔkyerɛkyerɛ mu a, mfaso bɛn na mubenya wɔ me ho?
7Saa ara nso na sɛ nneɛma a nkwa nni mu a egyigye, te sɛ abɛn anaa sanku, sɛ ankyerɛ nnyigyei ahorow no a, ɛbɛyɛ dɛn na wobete nea wɔhyɛnee anaasɛ wɔbɔe no ase? 8Na sɛ torobɛnto no annyigye yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔsa? 9Saa ara nso na sɛ mode mo tɛkrɛma ka asɛm a emu ntew a, ɛbɛyɛ dɛn na wobehu nea moreka no? Na ɛbɛyɛ sɛ morekasa agu mframa mu kwa.
10Ɔkasa horow bebree na ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a wɔnte ase 11na sɛ mente ɔkasa no ase a, mebu nea ɔkasa no sɛ ɔpɔtɔni, na nea ɔkasa no nso abu me sɛ ɔpɔtɔni. 12#1 Ko 14.1-4 Na mo nso sɛ mobɔ honhom fam nneɛma ho mmɔden yi, monhwehwɛ sɛ asafo no nkɔso nti mobɛboro so.
13 #
1 Ko 12.10
Enti nea ɔkasa kasa bi no, ɔmmɔ mpae sɛ obetumi akyerɛ ase. 14Na sɛ mebɔ mpae ɔkasa bi mu a, me honhom na ɛbɔ mpae, na m’adwene de, ɛnte ase. 15#Efe 5.19Na afei adɛn? Mede honhom mɛbɔ mpae, na mede adwene nso mabɔ mpae, mede honhom mɛto dwom, na mede adwene nso mato dwom. 16Na sɛ wode honhom hyira a, ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔnte ase no begye w’aseda no so sɛ Amen, bere a onnim nea woreka? 17Wo de, woda ase yiye de, nanso ɔno de, onnya nkɔso. 18Meda Onyankopɔn ase sɛ mekasa ɔkasa horow bebree sen mo nyinaa; 19nanso asafo mu de, mepɛ sɛ mede m’adwene meka nsɛm anum, na makyerɛkyerɛ ebinom nso, sen sɛ mɛka nsɛm ɔpedu ɔkasa bi mu.
20 #
Efe 4.14; Flp 3.12; 3.15 Anuanom, monnyɛ mmofra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmofra, na dwen mu de, munwie nyin. 21#Deut 28.49; Yes 28.11-12 Wɔakyerɛw mmara no mu sɛ:
Ɔkasa foforo ne ano foforo
na me ne ɔman yi de bɛkasa,
na ne saa nso mpo wɔrentie me,
sɛ Awurade na ose.
22Enti ɔkasa horow no nyɛ sɛnkyerɛnne mma gyidifo, na mmom ɛyɛ ma wɔn a wonnye nni; na nkɔmhyɛ de, ɛnyɛ wɔn a wonnye nni de, na mmom ɛyɛ wɔn a wogye di dea. 23Na sɛ asafo mu behyia faako, na wɔn nyinaa kasa kasa horow, na wɔn a wonnim bi anaasɛ wɔn a wonnye nni ba mu a, wɔrenka sɛ: Moabobɔ dam anaa? 24Na sɛ wɔn nyinaa hyɛ nkɔm, na obi a onnye nni anaasɛ onnim biribi ba mu a, wɔn nyinaa twiw n'anim, wɔn nyinaa bu no atɛn, 25#Yoh 16.8 na ne komam ahintasɛm no ada adi, na ɔde saa akotow de n’anim abutuw fam asɔre Nyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.
Ɔsom mu nhyehyɛe
26 #
1 Ko 11.18; 11.20; 12.8-10; Efe 4.12 Na afei adɛn, anuanom? Sɛ muhyiam a, mo mu bi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ kasa bi, obi wɔ adiyi anaasɛ obi wɔ nkyerɛase Momma ne nyinaa nyɛ nea ɛma nkɔso. 27Sɛ obi kasa kasa bi a, ma no nyɛ nnipa baanu, atra so no, baasa, na wɔnka no mmiako mmiako, na obiako nkyerɛ ase. 28Na sɛ asekyerɛni nni hɔ a, ommua n’ano asafo no mu, na ɔnkasa nkyerɛ ne ho ne Nyankopɔn. 29#1 Te 5.21; Aso 17.11 Adiyifo no de, baanu anaa baasa nkasa, na wɔn a aka no mmu ho atɛn. 30Na sɛ obi a ɔte hɔ nya adiyi a, nea odi kan no mmua n’ano. 31Na mo nyinaa betumi aka adiyisɛm mmiako mmiako, na wɔn nyinaa anya mu adesuade, na wɔn nyinaa afa mu afotu. 32Na adiyifo ahonhom no hyɛ adiyifo no ase; 33efisɛ Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn, sɛnea ɛte ahotefo asafo nyinaa mu no.
34 #
1 Tim 2.12; 1 Ko 11.3; Efe 5.22; Tito 2.5; Gye 3.16 Momma mmea mmua wɔn ano asafo mu; na wɔmmma wɔn ho kwan sɛ wɔnkasa, na mmom wɔmmrɛ wɔn ho ase sɛnea mmara no nso ka no. 35Na sɛ wɔpɛ sɛ wosua biribi a, wommisa wɔn ankasa wɔn kununom ofie; efisɛ ɛyɛ fɛre ma ɔbea sɛ ɔkasa asafo mu. 36Adɛn nti a! Mo mu na Onyankopɔn asɛm no fi bae, anaasɛ mo nko na abɛto mo?
37 #
1 Yoh 4.6
Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ odiyifo anaa honhom muni a, onhu sɛ nea mekyerɛw mabrɛ mo yi yɛ Awurade ahyɛde; 38na sɛ obi nhu eyi a, ɛmma no nnim de nso.
39Enti, me nuanom, mommɔ adiyisɛnka ho mmɔden, nanso, munnsiw ɔkasa horow ka ho kwan! 40#Kol 2.5 Na monyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ, ne kwan so ne kwan so.
Currently Selected:
1 Korintofo 14: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: