8
Awurade Hyɛ Bɔ Sɛ Ɔbɛhyira Yerusalem
1Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn bio. 2Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Metwe Sion ho ninkunu pa ara; metwe ne ho ninkunu anibereɛ so.”
3Deɛ Awurade seɛ nie, “Mɛsane akɔ Sion na makɔtena Yerusalem. Afei wɔbɛfrɛ Yerusalem Nokorɛ Kuropɔn, na Asafo Awurade bepɔ no, wɔbɛfrɛ no Bepɔ Kronkron.”
4Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nkɔkoraa ne mmerewa bɛtenatena Yerusalem mmɔntene so bio a obiara kura poma, ɛsiane onyini enti. 5Na mmarimaa ne mmaayewa a wɔredi agorɔ bɛhyɛ kuropɔn no mmɔntene so ma.”
6Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nkaeɛfoɔ yi deɛ, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa saa ɛberɛ no, na me nso ɛbɛyɛ me nwanwa anaa?”
7Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri aman a ɛwɔ apueeɛ ne atɔeɛ no so. 8Mede wɔn bɛsane aba abɛtena Yerusalem; wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn wɔ nokorɛ ne tenenee mu.”
9Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mo a afei na morete nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no; adiyifoɔ a na wɔwɔ hɔ ɛberɛ a wɔtoo Asafo Awurade fie fapem no, monhyɛ mo ho den, na moatumi asi asɔredan no. 10Ɛberɛ no nnya nsoeɛ no, na wɔntua apaadie ho ka mma nnipa anaa mmoa. Atamfoɔ enti, na obiara ntumi nkɔ nʼadwuma so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ na mede mpaapaemu aba wɔn mu. 11Nanso, afei deɛ, merenyɛ nkaeɛfoɔ yi sɛdeɛ meyɛɛ kane no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
12“Aba no bɛnyini yie, bobe bɛso nʼaba, asase no bɛbɔ nʼaduane na ɔsoro nso bɛtɔ ne bosuo. Mede saa nneɛma yi nyinaa bɛma nkaeɛfoɔ yi sɛ wɔn agyapadeɛ. 13Mo, Yuda ne Israel, moayɛ nnome wɔ aman no mu, nanso mɛgye mo na moayɛ nhyira. Monnsuro, na monhyɛ mo ho den.”
14Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Sɛdeɛ meyɛɛ mʼadwene sɛ mede atoyerɛnkyɛm bɛba mo so, na mannya ahummɔborɔ ɛberɛ a mo agyanom fuu me bo no, 15saa ara na afei mayɛ mʼadwene sɛ, mɛyɛ Yerusalem ne Yuda yie. Monnsuro. 16Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Monni mo ho mo ho nokorɛ. Mommu atɛntenenee wɔ mo asɛnniiɛ; 17mommmɔ po bɔne ntia mo ho mo ho, na monnnɔ ntam hunu. Mekyiri saa nneɛma yi nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
18Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn bio. 19Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Abosome ɛnan, enum, nson ne edu mu mmuadadie no bɛyɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmerɛ, na ɛbɛyɛ anigyeɛ afahyɛ ama Yuda. Enti monnɔ nokorɛ ne asomdwoeɛ.”
20Deɛ Asafo Awurade seɛ nie, “Nnipa bebree ne wɔn a wɔtete nkuropɔn bebree so bɛba ara, 21na nnipa a wɔfiri kuropɔn baako so bɛkɔ foforɔ so akɔka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ seesei ara nkɔsrɛ Awurade na yɛnhwehwɛ Asafo Awurade. Me deɛ, merekɔ.’ 22Na nnipa bebree ne aman akɛseɛ bɛba Yerusalem abɛhwehwɛ Asafo Awurade no, na wɔakoto asrɛ no.”
23Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nna no mu, nnipa edu a wɔka kasa ahodoɔ na wɔfiri aman ahodoɔ so bɛba abɛsɔ Yudani atadeɛ mmuano mu na wɔbɛka sɛ, ‘Wo ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka wo ho.’ ”