YouVersion Logo
Search Icon

Sakaria 10

10
Awurade Bɛhwɛ Yudafoɔ
1Mommisa Awurade hɔ nsuo osutɔberɛ mu;
ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osutɔ mframa.
Ɔma osuo tɔ ma nnipa nyinaa,
ne mfudeɛ nso ma obiara.
2Ahoni no ka nnaadaasɛm,
nkɔmhyɛfoɔ nya anisoadehunu a ɛyɛ atorɔ;
wɔde nkontomposɛm kyerɛ daeɛ ase,
wɔma awerɛkyekyerɛ kwa.
Enti nnipa no nenam te sɛ nnwan
a wɔnni ɔhwɛfoɔ na wɔhyɛ wɔn so.
3“Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie,
na mɛtwe ntuanofoɔ no aso.
Na Asafo Awurade bɛhwɛ
ne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no,
na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.
4Tweatiboɔ bɛfiri Yuda mu,
na ntomadan pɛɛwa bɛfiri hɔ,
ɔsa mu tadua bɛfiri Yuda mu,
na sodifoɔ nyinaa nso saa ara.
5Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ nnɔmmarima
a wɔtiatia mmorɔno so atakyɛ mu wɔ ɔko mu.
Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no enti,
wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefoɔ no so.
6“Mɛhyɛ Yuda fie den
na magye Yosef fie no nkwa.
Mede wɔn bɛsi wɔn dada mu
ɛfiri sɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho.
Wɔbɛyɛ te sɛ deɛ
mempoo wɔn mpo,
na me ne Awurade wɔn Onyankopɔn
na mɛgye wɔn so.
7Efraimfoɔ bɛyɛ sɛ nnɔmmarima,
wɔn ani bɛgye te sɛ deɛ wɔanom nsã.
Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye;
wɔbɛdi ahurisi wɔ wɔn akoma mu wɔ Awurade mu.
8Meto nsa afrɛ wɔn
aboaboa wɔn ano.
Ampa ara megye wɔn bio;
wɔbɛdɔɔso sɛ kane no.
9Ɛwom sɛ mɛhwete wɔn mu akɔ aman so,
nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so.
Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu,
na wɔbɛsane aba.
10Mede wɔn bɛfiri Misraim aba
mɛboa wɔn ano afiri Asiria.
Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon,
na wɔrensene hɔ.
11Wɔbɛfa ɛpo mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu,
nanso wɔbɛma ɛpo asorɔkye no atae dinn.
Nil mu nsuo nyinaa bɛwe
Asiria ahomasoɔ nso wɔbɛbrɛ no ase
na Misraim ahempoma bɛtwam.
12Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu
na ne din mu na wɔbɛnante,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Currently Selected:

Sakaria 10: ASNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in