Romafoɔ 2:3-4
Romafoɔ 2:3-4 ASNA
Na wo, onipa, wobu afoforɔ atɛn wɔ nneɛma korɔ no ara a woyɛ bi no ho a, wosusu sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa? Anaasɛ, ebia, wommu nʼayamyɛ, nʼabodwokyerɛ ne ne boasetɔ? Wonnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho?





