Mmɛbusɛm 6:16-19
Mmɛbusɛm 6:16-19 ASNA
Nneɛma nsia na Awurade mpɛ, nneɛma nson na ɛyɛ nʼakyiwadeɛ: ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkrɛma, nsa a ɛka mogya a ɛdi bem guo, akoma a ɛdwene amumuyɛ ho, nan a ɛtutu mmirika kɔyɛ bɔne, Ɔdansekurumni a ɔdi atorɔ ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.






