YouVersion Logo
Search Icon

Marko Nnianimu

Nnianimu
Na Marko yɛ aberantewaa a nʼadamfo pa ara ne Petro a, na ɔyɛ Yesu asuafoɔ no mu baako no. Na nsɛm a ɔtwerɛeɛ no yɛ nsɛm a Petro ka kyerɛɛ no fa Yesu abrabɔ ho no. Wantwerɛ biribiara amfa Yesu abusuadua, nʼawoɔ ne ne mmɔfraase ho. Afei nso, wanka nsɛm a Yesu kaeɛ no ho nsɛm pii na mmom, dwuma a Yesu diiɛ no titire na ɔkaa ho nsɛm. Ɔtwerɛɛ nsɛm bebree faa Yudafoɔ amanneɛ ho a ɛkyerɛ sɛ, saa nwoma yi, wɔtwerɛ maa wɔn a wɔnyɛ Yudafoɔ.
Emu Nsɛm
Yesu fiti ne nkyerɛkyerɛ ase, (1.1-13)
Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛdi ɛkan wɔ Galilea, (1.14–3.6)
Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛtɔ so mmienu wɔ Galilea, (3.7–7.23)
Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Galilea, (7.24–9.50)
Yesu firi Galilea kɔ Yerusalem, (10.1-52)
Yesu wɔ Yerusalem, nʼamanehunu ne ne owuo, (11.1–16.8)
Owusɔreɛ ne Yesu ho adiyisɛm, (16.9-20)

Currently Selected:

Marko Nnianimu: ASNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in