YouVersion Logo
Search Icon

Malaki Nnianimu

Nnianimu
Odiyifoɔ Malaki yɛɛ adwuma wɔ Yerusalem ɛberɛ a na wɔasi asɔredan no awie. Malaki Nwoma no yɛ animka ma Israelman wɔ wɔn bɔne bebrebe ho. Ɛka asɔfoɔ ne ɔman mu no nyinaa bɔne a wɔyɛ ho asɛm: ebi ne sɛ wɔtwiri Onyankopɔn, wɔbɔ afɔdeɛ a ɛho nteɛ, wɔbu Onyankopɔn mmara so, wɔmmfa aboadeɛ mmrɛ Onyankopɔn, wɔyɛ asoɔden ne ahantan na wɔma afoforɔ nso yɛ bɔne.
Nwoma no tu ɔman no fo sɛ wɔnnyae aniha ne bɔne a aba wɔn mu no, na wɔnyɛ wɔn gyidie ne Awurade apam no yie.
Nwoma yi ka anidasoɔ a ɛnam Odiyifoɔ Elia so bɛba wɔn a wɔnu wɔn ho na wɔgye die nso so ho asɛm.
Emu Nsɛm
Asɔfoɔ abɔnefoɔ (1.1–2.9)
Nnipa bɔnefoɔ (2.10–3.15)
Nokwafoɔ kakra no (3.16–4.6)

Currently Selected:

Malaki Nnianimu: ASNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in