3
Yesu Fiti Ne Nnwuma Ase
1Kaesare Tiberio dii adeɛ ne mfeɛ dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ ɛserɛ so. 2Saa ɛberɛ no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinihene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansini so; na Lisania di Abilene mansinihene, ɛnna Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin. 3Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa sɛ, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfiri wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 4Sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ,
“Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ,
‘Monsiesie ɛkwan#3.4 Ansa na ɔhene bi bɛtu kwan akɔ akyirikyiri man bi so no, wɔsiesie akwan a ɔbɛfa so no so. Yohane adwumayɛ mu nso ɔyɛɛ ɔbrasu ne honhom fam nsiesieeɛ maa Agyenkwa no. Ɔsii ahonuo ne bɔnefakyɛ a ɛho hia Agyenkwa no so dua. mma Awurade;
momma nʼatempɔn ntene.
5Bɔnhwa biara bɛyɛ ma.
Bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam;
asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa,
na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata.
6Na nnipa nyinaa bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’ ”
7Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔbaa hɔ sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuhyeɛ a ɛreba no ho? 8Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ. 9Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa na ɔde agu ogya mu, ahye no.”
10Nnipakuo no bisaa no sɛ, “Na ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛnyɛ?”
11Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ wowɔ ntoma mmienu a, ma deɛ ɔnni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduane a, ma deɛ ɔnni bi no bi.”
12Togyefoɔ a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnyɛ ɛdeɛn?”
13Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monnnye mmoro deɛ wɔatwa ato hɔ sɛ monnye no.”
14Asraafoɔ bi nso bisaa sɛ, “Yɛn nso yɛnyɛ ɛdeɛn?”
Yohane buaa wɔn sɛ, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!”
15Esiane sɛ saa ɛberɛ no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan enti, na wɔsusu sɛ Yohane ne Agyenkwa no. 16Yei maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me deɛ mede nsuo na ɛrebɔ mo asu. Nanso, obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sene me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 17Ɔno na sɛ ɔba a, ɔbɛhuhu mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akɔsie na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no.” 18Ɔnam afotuo ahodoɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.
Yohane Afiaseda
19Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahodoɔ a na ɔyɛ no ho. 20Yei maa Herode de Yohane too afiase.
Yesu Asubɔ
21Ɛberɛ a Yohane bɔɔ nkurɔfoɔ pii asu wieeɛ no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wieeɛ a ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueɛ. 22Honhom Kronkron sianee honam mu te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”
Awoɔ Ntoatoasoɔ A Ɛfiri Yesu So Kɔsi Adam So
23Yesu hyɛɛ nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa. Nkurɔfoɔ susuu sɛ, Yesu yɛ Yosef ba.
Yosef agya ne Eli. 24Eli agya ne Mattat;
Mattat agya ne Lewi; Lewi agya ne Melki;
Melki agya ne Yanai; Yanai agya ne Yosef;
25Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos;
Amos agya ne Nahum; Nahum agya ne Hesli;
Hesli agya ne Nagai; 26Nagai agya ne Mahat;
Mahat agya ne Matatia; Matatia agya ne Semein;
Semein agya ne Yosek; Yosek agya ne Yoda;
27Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa;
Resa agya ne Serubabel; Serubabel agya ne Sealtiel;
Sealtiel agya ne Neri; 28Neri agya ne Melki;
Melki agya ne Adi; Adi agya ne Kosam;
Kosam agya ne Elmadam; Elmadam agya ne Er;
29Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser;
Elieser agya ne Yorim; Yorim agya ne Matat;
Matat agya ne Lewi; 30Lewi agya ne Simeon;
Simeon agya ne Yuda; Yuda agya ne Yosef; Yosef agya ne
Yonam; Yonam agya ne Eliakim;
31Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena;
Mena agya ne Matata; Matata agya ne Natan;
Natan agya ne Dawid; 32Dawid agya ne Yisai;
Yisai agya ne Obed; Obed agya ne Boas;
Boas agya ne Sala; Sala agya ne Nahson;
33Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin;
Admin agya ne Arni; Arni agya ne Hesron; Hesron agya ne Peres;
Peres agya ne Yuda; 34Yuda agya ne Yakob;
Yakob agya ne Isak; Isak agya ne Abraham;
Abraham agya ne Tera; Tera agya ne Nahor;
35Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu;
Reu agya ne Peleg; Peleg agya ne Eber;
Eber agya ne Sala; 36Sala agya ne Kainan;
Kainan agya ne Arfaksad; Arfaksad agya ne Sem;
Sem agya ne Noa; Noa agya ne Lamek;
37Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok;
Henok agya ne Yared; Yared agya ne Mahalalel;
Mahalalel agya ne Kenan; 38Kenan agya ne Enos;
Enos agya ne Set; Set agya ne Adam;
Adam agya ne Onyankopɔn.