Yesaia 56:6-7
Yesaia 56:6-7 ASNA
Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade sɛ wɔbɛsom no, sɛ wɔbɛdɔ Awurade din, na wɔasɔre no, wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa, na wɔkura mʼapam mu denden; yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so na mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie. Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no, mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so; na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a aman nyinaa bɔ mpaeɛ.”





