YouVersion Logo
Search Icon

Romafoɔ 2

2
Onyankopɔn tenenee atemmuo no
1 # Mat 7.2; Yoh 8.7 Enti wo onipa biara a wobu atɛn no, anoyie biara nni hɔ mma wo; ɛfiri sɛ deɛ wobu obi atɛn wɔ mu no, wobu wo ara wo ho fɔ, ɛfiri sɛ wo a wobu atɛn no woyɛ saa adeɛ no ara. 2Nanso yɛnim sɛ Nyankopɔn atemmuo fa ne kwan so pɛpɛɛpɛ, ba wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma no so. 3Na, wo onipa a wobu wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma no atɛn na woyɛ saa ara no, wosusu sɛ wobɛdwane Nyankopɔn atemmuo no anaa? 4#2 Pe 3.15 Anaasɛ wote n’ayamyɛ ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho atua a, wonim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ de wo rekɔ adwensakyera mu?
5Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no. 6#Mat 16.27; 2 Ko 5.10; Yoh 5.29 Ɔno na ɔbɛsusu nnipa nyinaa nnwuma so adeɛ ama wɔn mmaako mmaako. 7Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ animuonyam ne anidie ne adeɛ a ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn daa nkwa. 8#2 Te 1.8 Na wɔn a wɔfiri atutupɛ mu, na wɔntie nokorɛ, na wɔtie deɛ ɛntene no, abufuo ne abufuhyeɛ bɛba wɔn so. 9#Rom 1.16; 3.9 Aane, ahohia ne ahometeɛ bɛba nnipa a wɔyɛ bɔne nyinaa so, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso, 10na mmom wɔn a wɔyɛ papa no nyinaa deɛ, animuonyam ne anidie ne asomdwoeɛ bɛba ama wɔn, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso bi. 11#Aso 10.34; 1 Pe 1.17 Na nnipa mu nyiyimu ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam.
12Na dodoɔ a wɔnni mmara na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara nso ayera. Na dodoɔ a wɔyɛ bɔne, mmara mu no, wɔnam mmara no so bɛbu wɔn atɛn. 13#Mat 7.21; 1 Yoh 3.7 Na ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔyɛ ateneneefoɔ wɔ Nyankopɔn anim, na mmom mmara sodifoɔ na wɔbɛbu wɔn bem. 14#Aso 10.35 Na amanaman mufoɔ a wɔnni mmara no de wɔn awosu yɛ mmara no mu nnoɔma a, yeinom a wɔnni mmara no yɛ mmara ma wɔn ho. 15#Rom 1.32 Wɔde yei kyerɛ sɛ, wɔatwerɛ mmara adwuma no wɔ wɔn akoma mu, na wɔn ahonim nso di wɔn adanseɛ, na wɔn nsusuiɛ toto wɔn ano, anaasɛ nso ɛtwitwa gye wɔn, 16ɛda a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bɛbu nnipa kokoa mu nsɛm atɛn sɛdeɛ m’asɛmpa teɛ no.
Yudafoɔ no ne Mmara no
17Na sɛ wɔfrɛ wo Yudani, na wode wo ho twere mmara, na wohoahoa wo ho Nyankopɔn mu, 18na wohunu deɛ ɔpɛ, na wogye nnoɔma a ɛyɛ pa ara no to mu, ɛnam sɛ wɔfiri mmara mu kyerɛkyerɛ woɔ nti, 19#Mat 15.14 na wode wo ho to wo ho so sɛ woyɛ onifirani kwankyerɛni, wɔn a wɔwɔ sum mu hann, 20nkwasea fotufoɔ, nkɔkoaa kyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woawedare wɔ nimdeɛ ne nokorɛ a ɛwɔ mmara no mu a; 21#Dwom 50.16-21; Mat 23.3-4 afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wɔnnwia adeɛ no, ɛnna wowia adeɛ yi? 22Wo a wose wɔnnsɛe awadeɛ no, ɛnna wosɛe awadeɛ yi? Wo a wokyiri ohoni no, ɛnna wofom asɔrefie nnoɔma yi? 23Wo a wohoahoa wo ho mmara mu no, ɛnyɛ nam na wonam mmaratoɔ so de Nyankopɔn anim twitwiri fam anaa? 24#Yes 52.5; Hes 36.20 Na mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din amanaman mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no.
25 # Yer 4.4; 9.25-26 Na sɛ wodi mmara no so deɛ a, twetiatwa ho wɔ mfasoɔ; nanso woto mmara no deɛ a, na wo twetiatwa no adane momonotoyɛ. 26Enti sɛ momonotoni no di mmara mu nsɛntenenee so a, wɔremmu ne momonotoyɛ no sɛ twetiatwa anaa? 27Na deɛ wɔawo no momonoto a ɔdi mmara no soɔ no bɛbu wo a wonim atwerɛ no, na woyɛ twetiani nanso woto mmara no atɛn! 28#Yoh 8.39 Na ɛnyɛ deɛ ɔda adi saa, na ɔyɛ Yudani, nso ɛnyɛ deɛ ɛda adi saa ɔhonam mu na ɛyɛ twetiatwa, 29#Deut 30.6; Kol 2.11 na mmom Yudani pa ara ne deɛ ɔte saa wɔ ne mu, na twetiatwa pa ara ne deɛ wɔayɛ no akoma mu wɔ honhom mu, na ɛnyɛ deɛ wɔatwerɛ mu. Ɔno na n’ayeyie mfiri nnipa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn.

Currently Selected:

Romafoɔ 2: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in