Marko 16
16
Yesu wusɔreɛ no
(Mateo 28.1-8; Luka 24.1-12; Yohane 20.1-10)
1Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene, Yakobo ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhwam sɛ wɔde reba abɛsra no. 2Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpahema, wɔbaa ɛda no so, na owia apue. 3Na wɔsesee wɔn ho sɛ: Hwan na ɔbɛmuni ɔboɔ no afiri ɛda no ano ama yɛn? 4Na wɔmaa wɔn ani so no, wɔhunuu sɛ ɔboɔ no amuni; nso na ɛso kokuroo. 5Na wɔkɔɔ ɛda no mu no, wɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔte nifa soɔ, hyɛ atadeɛ tentene fitaa, na wɔbɔɔ binim. 6Na ɔsee wɔn sɛ: Mommmɔ binim; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyane, ɔnni ha. Hwɛ faako a wɔde no toeɛ! 7#Mar 14.28 Na monkɔ nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ ne Petro sɛ ɔredi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no. 8Na wɔfirii adi ntɛm ara dwane firii ɛda no ho; na ahopopoɔ ne ahodwirie aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; ɛfiri sɛ na wɔsuro.
Maria Magdalene hunu Yesu
9 #
Luka 8.2; Yoh 20.11-18 [Na ɔsɔree da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, ɔyii ne ho adi kane kyerɛɛ Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no. 10Na ɔkɔ kɔsee wɔn a wɔne no tenaeɛ a na wɔn werɛ ahoɔ na wɔresu no. 11Na wɔn deɛ wɔtee sɛ ɔte aseɛ na wɔahu no no, wɔannye anni.
Yesu yi ne ho adi kyerɛ Asuafoɔ baanu
12 #
Luka 24.13-35
Yeinom akyiri no, ɔyii ne ho adi suban foforɔ mu kyerɛɛ wɔn mu baanu a na wɔnam rekɔ akuraa. 13Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no; na wɔannye wɔn nso anni.
(Luka 24.36-49; Yohane 20.19-23)
14 #
1 Ko 15.5
Akyire yi a dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim gye a wɔnnye nni no ne wɔn akomaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wɔhunuu no sɛ wasɔre no annie nti.
Asomafoɔ no asɛmpa ka
15 #
Mat 28.18-20
Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa. 16#Aso 2.38 Deɛ ɔgye die, na wɔbɔ no asu no wɔbɛgye no nkwa, na deɛ ɔnnye nnie no, wɔbɛbu no fɔ. 17#Aso 16.18; 2.4, 11; 10.46 Na nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔbɛgye adie akyi: Me din mu, wɔbɛtu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforɔ, 18#Luka 10.19; Aso 28.3-6; Yak 5.14-15 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.
Yesu sorokorɔ
(Luka 24.50-53; Asomafoɔ 1.4-11)
19 #
Dwom 110.1; Aso 7.55 Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasaeɛ akyiri no, wɔfaa no kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa. 20#Heb 2.4 Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ kɔ kɔkaa asɛm mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma, nam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.]#16.20 Tete atwerɛ a wɔgye to mu binom mfa nkyekyɛmu 9 kɔsi 20 no nka ho. Amen.#16.20 Tete atwerɛ a wɔagye atom afoforɔ no bi de Amen aka ho.
Currently Selected:
Marko 16: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012

: