YouVersion Logo
Search Icon

Yeremia 3:13-14

Yeremia 3:13-14 ASW

Hunu w’amumuyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woakyini aduru ananafoɔ nkyɛn, dua biara a ɛyɛ frɔmm ase, na me nne deɛ, moantie, AWURADE asɛm nie. Mma akyirisanfoɔ, monsane mmra, AWURADE asɛm nie, na mene mo wura; na mɛfa mo, kuro biara mu, ɔbaako, na abusua biara mu, baanu, na mede mo aba Sion.