Yesaia 57
57
1 #
2 Ah 22.20
Ɔteneneeni yera,
na obiara mfa nhyɛ n’akoma mu,
na wɔfa mmarima pa kɔ,
a obiara nteaseɛ,
sɛ bɔne a ɛbɛba no anim na wɔyi teneneeni no firi korɔ.
2 #
Yes 26.20; Dan 12.13 Ɔkɔ asomdwoeɛ mu;
wɔhome wɔn nnaeɛ so,
wɔn a wɔnante wɔn teeyɛ mu no.
Ɔman no bra bɔne
3 #
Mat 12.39
Na mo deɛ, montwe mmra ha,
ɔbaabayifoɔ mma,
ɔwaresɛefoɔ ne odwamamfoɔ asefoɔ.
4Hwan ho na mogorɔ?
Hwan so na motrɛtrɛ mo anomu
na motwe mo tɛkyerɛma mu yi?
Ɛno, ɛnyɛ mmarato ne
atorofoɔ mma ne mo anaa?
5 #
Yer 2.20, 24 Mo a mo ani so yɛ hyeɛ abosonnua no ho,
nnua frɔmfrɔm nyinaa ase,
na mokunkumm mo mmɔfra asubonhwa mu,
abotan mpaepaeɛ ase!
6Asubonhwa mu aboɔ torotoro mu na wo kyɛfa wɔ,
ɛno, ɛno ne wo kyɛfa,
nso ɛno so na wohwiee ahwiesa
na wode ayɛyɛdeɛ guiɛ,
yeinom so na me bo bɛdwo anaa?
7Bepɔ sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so
na wotoo wo mpa,
ɛhɔ ara nso na woforo kɔ kɔbɔɔ afɔdeɛ;
8na wode wo nkaeɛ adeɛ no
sii ɛpono ne aponnwa mu,
na wofirii m’akyi
kɔyii wo nnaeɛ so foroe,
na wobaee mu,
na wo ne wɔn dii deɛ wobɛgye wɔn no ano,
wopɛɛ wɔne wo nna
na wohunuu wɔn adagya mu.
9Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa Molek,#57.9 Anaasɛ ɔhene.
na womaa wo nnuhwam dɔɔso,
na wosomaa w’abɔfoɔ akyirikyiri,
na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ Asamando.
10Wo kwan tentene no nti wobrɛe,
nanso woanka sɛ: Mfasoɔ biara nni so;
wonyaa wo nsam akwanhosan nti,
anyɛ wo ya.
11 #
Dwom 50.21
Na hwan nti na w’akoma tuiɛ na wosuroeɛ,
na wodii atorɔ,
na woankae me
amfa anhyɛ w’akoma mu yi?
Me deɛ, ɛnyɛ komm a mefiri tete mayɛ
nti na wonsuro me yi anaa?
12Mɛka wo tenenee ne wo nneyɛɛ makyerɛ,
nso ɛrenyɛ wo mfasoɔ biara.
13Woteam a, ma w’abosompem a woaprapra aboa ano no nnye wo.
Na mframa bɛsoa wɔn nyinaa akɔ,
ohuo bɛfa wɔn kɔ;
na deɛ ɔdwane bɛtoa me no bɛnya asase no adi,
na wanya me bepɔ kronkron no atena so.
14 #
Yes 62.10
Na wɔbɛka sɛ:
Montu ngu so, montu ngu so, mommɔ kwan,
monyi akwansideɛ mfiri me man kwan mu.
Adom ho bɔhyɛ foforɔ
15 #
Dwom 113.5-9; Yes 66.1-2; Dwom 51.17 Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ,
deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie:
Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron,
ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso,
sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa,
na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.
16 #
Dwom 103.9
Na merenham menkɔsi daa,
na me bo remfu daa,
ɛfiri sɛ honhom no firi me hɔ,
na me na mayɛ ahome.
17N’anibereɛ a ɛyɛ amumuyɛ nti na me bo fuiɛ
na mehwee no, mehuntae, na me bo fui;
nanso ɔkɔɔ so sanee n’akyi faa n’akoma kwan so.
18Mahunu n’akwan, nso mɛsa no yadeɛ;
na mɛkyerɛ no kwan, na masane makyekyere ne werɛ,
na mabɔ anofafa so aba ama n’abooboodifoɔ.
19 #
Efe 2.17
Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn, AWURADE na ɔseɛ,
na mɛsa no yadeɛ.
20 #
Yuda 13
Na abɔnefoɔ te sɛ ɛpo a ɛhuru kukukuku;
na ɛntumi nyɛ komm,
na emu nsuo pu atɛkyɛ ne dɔteɛ gu.
21 #
Yes 48.22
Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, me Nyankopɔn na ɔseɛ.
Currently Selected:
Yesaia 57: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012

:
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012