Yesaia 55:10-11
Yesaia 55:10-11 ASW
Na sɛdeɛ osuo ne sukyerɛmma firi soro gu fam na ɛnsane nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asase ansa ma no ba aduane na ɛso aba, na ɛde aba ma ogufoɔ ne aduane ma odifoɔ no, saa ara na m’asɛm a ɛfiri m’anomu bɛyɛ: Ɛrensane mma me nkyɛn kwa, na mmom gye sɛ ɛyɛ deɛ mepɛ na ɛwie deɛ enti a mesomaa no no.










