Yesaia 40:12-14
Yesaia 40:12-14 ASW
Hwan na ɔde ne nsayam susu nsuo, na ɔto ɔsoro saama, na ɔde susukoraa hyɛ asase so mfuturo, na ɔkari mmepɔ nsania mu ne nkokoɔ nsania nkoraa mu? Hwan na ɔtenetene AWURADE honhom, na ɔfotufoɔ bɛn na ɔmaa no hunuu adeɛ? Ɔne hwan na atu agyina, na wama no ahunu biribi, na wakyerɛkyerɛ no atemmuo kwan, na wakyerɛ no nimdeɛ, na wama no ahunu nhunumu kwan?





